Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 4:21 - Apam Foforɔ

21 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Baa, gye me di, berɛ bi ɔɔba a honnsom Agya he bepɔ so anaa Yerusalem.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 4:21
20 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Baabi a nnipa mmienu anaa mmeɛnsa ahyia me dini mu he, na meka bɛ ho.”


Nti honkɔyɛ amane nyinaa m’asuafoɔ, na hommɔ bɛ asu nhyɛ Agya he, Ɔba he ne Honhom Kronkron he dini mu,


na bɛbɛtotɔ sekane ano na bɛafa bɛ nommum akɔ amanamane nyinaa mu; na amanamane he bɛsɛe Yerusalem kosi sɛ amanamane he mmerɛ a bɛahyɛ he bɛ duru.


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene kwane he, nɔkorɛ he ne nkwa he, bi nkɔ Agya he nkyɛne gye sɛ ɔfa me so.


Bɛbɛpam ho afiri hyia adane mu. Nɔkwasɛm ne sɛ, berɛ bi ɔɔba a biaa a obeku ho he bɛdwene sɛ ɔɔyɔ saa Nyankopɔn dini mu.


Berɛ he ɔɔba, na anya aba awie sɛ ho nyinaa hobɛhwete akɔ ho nkurom, na hoagya me nkoaa. Nso ɔnka me nkoaa efiri sɛ Agya he ka me ho.


Na berɛ he ɔɔba, na anya aba sɛ nɔkorɛ asomfoɔ bɛsom Agya he honhom ne nɔkorem, efiri sɛ nnipa saa ne Agya he ɔɔhwehwɛ.


“Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, berɛ he ɔɔba, na anya aduru, sɛ awufoɔ bɛte Nyankopɔn Ba he nne, na bɛ a bebetie no he benya nkwa.


Hommma yei nyɔ ho nwanwa, efiri sɛ berɛ he ɔɔba a bɛ a bɛya adakamenam nyinaa bɛte ne nne,


na yɛate sɛ ɔdɛ Yesu yi a ɔyɛ Nasareni he bedwiri bea yi agu fam na wasakra amanneɛ a Mose de maa yɛ he.”


na ɔnam ne so ne yɛ nyinaa nam Honhom baako a ɔde yɛ kɔ Agya he hɔ.


Nti mepɛ sɛ, berɛ biaa a hobehyia asom he, mmeema mmɔ mpaeɛ, mma nsa kronkron so a abufuo ne akyinnye nnim;


Na sɛ hofrɛ deɛ ɔnhwɛ nnipa anim, na obu atɛne sɛdeɛ biaa adwuma teɛ he sɛ Agya a, homfa suro mmɔ ho bra ho ahɔhobea tenabea yi mu.


Na manhu asɔredane ya kuro he mu baabiaa, efiri sɛ, na Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ, ne Adwammaa he ne yɛ n’asɔredane.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ