8 Mframa bɔ kɔ baabi a ɔpɛ, na hote sɛ ɔɔbɔ, nso honnim baabi a ofiri ne baabi a ɔɔkɔ. Saa ne bi a bɛawo no honhom mu he teɛ.”
Yeinom yɛ mma a omfiri mogyaa anaa nea honam pɛ anaa nea beema pɛ so ne awo bɛ, na mmom Nyankopɔn pɛ so ne ɔnam a bɛawo bɛ.
Mma no nyɛ wo nwanwa sɛ meeka akyerɛ wo sɛ, ɔsɛ sɛ befiri soro wo ho.
Nikodemo buaa sɛ, “Ɔbɛyɛ dɛ na yeinom atumi aba mu?”
Na mpofiremuaa, dede bi a ɔte sɛ mframa a ɔɔbɔ dendenndene firi soro baeɛ, na ɔbɛhyɛɛ fie a na bɛte mu he ma.
Berɛ a bewiee mpaebɔ he, baabi a behyiaam he wosoeɛ, na Honhom Kronkron bɛhyɛɛ bɛ nyinaa mama na bɛde akokoɔduro kaa Nyankopɔn asɛm he.
Na yeinom nyinaa Honhom korɔ he a ne yɔ, na ɔkyekyɛ ma biaa sɛdeɛ ɔpɛ.
Na hwane ne nim deɛ ɔya nipa mu ka nnipa honhom a ɔya ne mu he ho? Saa nso ne bi ntumi nte Nyankopɔn ase gye sɛ Nyankopɔn Honhom heaa.
Sɛ honim sɛ ɔyɛ teneneeni a, honhu sɛ biaa a ɔyɔ ade tenenee he, Nyankopɔn ne awo no.