4 Nikodemo bisaa no sɛ, “Ɔbɛyɛ dɛ na nipa a woanyini he, bɛatumi awo no bio? Obetumi akɔ ne maame yam ama bɛ awo no bio anaa?”
Yesu buaa no sɛ, “Meeka nɔkwasɛm paa akyerɛ wo sɛ, bɛamfiri soro anwo bi a ontumi nnya kyɛfa biaa Nyankopɔn ahennie he mu.”
Yesu buaa sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ wo sɛ, bɛamfa nsuo ne honhom anwo bi a ontumi nkɔ Nyankopɔn ahennie mu.
Nti Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Meeka akyerɛ ho nɔkorem sɛ, sɛ hoanni Nipa Ba he honam na hoannom ne mogyaa a, honnya nkwa ya ho mu.
Nti berɛ a n’asuafoɔ he mu bebree tee yei he, bɛkaa sɛ, “Asɛm yi ano ɔdene, hwane ne betumi agye?”
Na asennua he ho asɛm he yɛ nkwaseasɛm ma bɛ a bɛɛyera, na yɛ a bɛɛgye yɛ nkwa he deɛ, ɔyɛ Nyankopɔn tumi ma yɛ;
Bɛ a Honhom he nni bɛ mu he, bennya Nyankopɔn honhom akyɛdeɛ, efiri sɛ ɔyɛ nkwaseasɛm ma bɛ, na bentumi nte aseɛ efiri sɛ saa akyɛdeɛ he mu nhunumu yɛ honhom mu asɛm.