Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 3:31 - Apam Foforɔ

31 Nea ofiri soro ba he boro biaa so. Ampa nea ofiri asaase so he firi asaase so, na ɔka asaase so nsɛm. Nea ofiri soro ba he boro biaa so.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 3:31
22 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na Yesu ba bɛka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Bɛde soro ne asaase so tumi nyinaa ama me.


(Yohane dii ne ho adanseɛ na ɔteaam sɛ, “Yei ne mekaa ne ho asɛm sɛ, ‘Nea odi m’akyi he so kyɛne me, efiri sɛ ɔya hɔ ansa na meeba.’ ”)


a odi m’akyi; memfata sɛ mesane ne mpaboa ahoma mpo.”


Yei ne nea mekaa no ho asɛm sɛ, ‘Nipa bi di m’akyi a ɔɔba a ɔkyɛne me, efiri sɛ ɔya hɔ ansa na meeba.’


Ɔno deɛ, otwa sɛ ɔkɔ so yɛ kɛse, na me deɛ, me so hwane.”


Na Nyankopɔn paanoo ne nea osiane firi soro ba na ɔma wiase nkwa he.”


Mene paanoo a nkwa yam a mesiane firi soro baeɛ he, sɛ bi di paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na paanoo a mede bɛma wiase nkwa he ne me honam.”


Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho deɛ hofiri fam, na me deɛ, mefiri soro. Hofiri wiase; na me deɛ, memmfiri wiase yi mu.


Ɔde asɛm he kɔmaa Israel mma, na ɔkaa asomdwie a ɔnam Yesu Kristo so ba he ho asɛm pa kyerɛɛ bɛ, yei ne nnipa nyinaa wura.


bɛyɛ tete agyanom asefoɔ, na ofiri bɛ abusua mu ne Kristo he baa honam fam. Nhyira nka Nyankopɔn a ɔyɛ adeɛ nyinaa sodifoɔ daa. Amen.


Na afei kane apam he wɔ nhyehyɛeɛ ya hɔ ma som ne asaase so kronkronbea.


Saa Yesu yi ne kɔɔ soro na ɔte Nyankopɔn nifa, na bɛde abɔfoɔ ne bɛ a tumidie ahyɛ n’ase.


Bɛkasa sɛ wiasefoɔ; wiase tie bɛ efiri sɛ, bɛyɛ wiase deɛ.


Na bɛatwerɛ dini “Ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade” agu n’ataadeɛ mu ne ne nane ho.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ