Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 3:3 - Apam Foforɔ

3 Yesu buaa no sɛ, “Meeka nɔkwasɛm paa akyerɛ wo sɛ, bɛamfiri soro anwo bi a ontumi nnya kyɛfa biaa Nyankopɔn ahennie he mu.”

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 3:3
32 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na Yesu buaa no sɛ, “Nhyira ne wo, Simon, Yona ba! Ɔnyɛ honam ne mogyaa ne yi kyerɛɛ wo, na mmom m’Agya a ɔya soro.


Bio, meeka akyerɛ ho, ɔbɛyɛ mmerɛ ama yoma sɛ ɔbɛfa paneɛ tokuro mu sene sɛ sikani bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu.”


Hohwɛ a bɛ mmienu mu hwane ne yɔɔ ne papa he apɛdeɛ?” Bebuaa sɛ, “Deɛ odi kane he a.” Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, togyefoɔ ne adwamammɔfoɔ oodi ho anim kane Nyankopɔn ahennie mu,


Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, kosi sɛ soro ne asaase betwam he, atwerɛdeɛ anaa nsensaneɛ ketewa baako mpo omfiri mmara he mu kosi sɛ ne nyinaa bɛba mu.


Afei Yesu huiɛ he, n’ani annye ho, na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Homma mmɔfra he mmara me nkyɛne; honnsi bɛ kwane; na bɛ a bɛte sei ne Nyankopɔn ahennie he yɛ bɛ dea.


Na sɛ w’ani to wo sintidua a, tu firi hɔ; ɔyɛ ma wo sɛ, wode ani baako bɛkɔ nkwa mu sene sɛ wowɔ ani mmienu na bɛbɛto wo atwene Gehenna gya mu,


Yeinom yɛ mma a omfiri mogyaa anaa nea honam pɛ anaa nea beema pɛ so ne awo bɛ, na mmom Nyankopɔn pɛ so ne ɔnam a bɛawo bɛ.


Na hann he hyerɛn sum mu, na sum he ntumi mmunkam mfa ne so.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nɔkwasɛm di, meeka akyerɛ ho sɛ, hobehu soro sɛ abie na Nyankopɔn abɔfoɔ oodi aforosiane Nipa Ba he so.”


“Wafira bɛ ani na waama bɛ akoma ayɛ dene, sɛnea ɔbɛyɛ na bɛmmfa bɛ ani nnhu, na bɛ akoma ante aseɛ na bɛansakra na mansa bɛ yadeɛ.”


Nikodemo bisaa no sɛ, “Ɔbɛyɛ dɛ na nipa a woanyini he, bɛatumi awo no bio? Obetumi akɔ ne maame yam ama bɛ awo no bio anaa?”


Bɛ mu ne wiase nyame afira bɛ a bɛnnye nni he adwene ani, sɛ benhu asɛmpa he ho hann a ɔyɛ Kristo a ɔyɛ Nyankopɔn subane he animuonyam.


Nti sɛ bi ya Kristo mu a, ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ: nnoɔma dadaa he nyinaa atwam; hwɛ, nnoɔma nyinaa ayɛ foforɔ!


Ɔnyɛ twetia a bɛatwa bi, anaa twetia a bentwa bi ne hia, na mmom sɛ bi bɛyɛ abɔdeɛ foforɔ ne hia!


Na Nyankopɔn maa ho a na hoawu mfomsoɔ ne bɔne a


ɔgyee yɛ, ɔnyɛ tenenee nnwuma bi a yɛayɔ nti, na mmom ɔnam ne mmɔborɔhunu so faa nsuo adwareɛ a ɔnam awofoforɔ ne foforɔyɛ a ofiri Honhom Kronkron so ne gyee yɛ.


Na nyansa a ofiri soro he deɛ, deɛ odi kane ne sɛ, ho te, na afei ɔpɛ asomdwie, ɔdwo, ɔwɔ asoɔmmerɛ, ɔwɔ nteaseɛ; ahummɔborɔ ne aba pa ahyɛ no ma, a ɔnyɛ nyiyimu anaa nyaatwom kwane biaa so.


Nhyira nka yɛ Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn; saa Nyankopon yi ne yɛ n’Agya nso. Esiane n’ahummɔborɔ pii nti, ɔnam nyane a onyanee Yesu Kristo firii wuo mu he so maa yɛ nkwa foforɔ. Yei ama yɛanya anidasoɔ a atim,


Sɛ honim sɛ ɔyɛ teneneeni a, honhu sɛ biaa a ɔyɔ ade tenenee he, Nyankopɔn ne awo no.


Biaa a ɔyɛ Nyankopɔn ba he ntena bɔne mu, efiri sɛ, Nyankopɔn su ya ne mu na ɔnam sɛ Nyankopɔn awo no nti, ontumi ntena bɔne mu.


Nea ɔgye di sɛ Yesu ne Kristo he, Nyankopɔn ne awo no. Biaa nni hɔ a ɔdɔ bi na ɔnnɔ saa nipa he ba nso.


Yenim sɛ Nyankopɔn ba biaa ntena bɔne mu, efiri sɛ, nea Nyankopɔn awo no he hwɛ ne ho so yie, na bɔnefoɔ he ntumi mfa ne nsa nka no.


efiri sɛ, biaa a Nyankopɔn awo no di wiase so nkunim, na ɔnam yɛ gyidie so ama yɛadi wiase so nkunim.


“Twerɛ krataa kɔma Laodikea asafo mu bɔfoɔ he sɛ: Yei ne asɛm a ofiri Amen a ɔyɛ danseni nɔkwafoɔ a ɔyɛ bibiaa a Nyankopɔn bɔeɛ he abɔseɛ nkyɛne.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ