Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 3:29 - Apam Foforɔ

29 Nea ayeforɔ he wɔ no he ne ayefokunu. Na ayefokunu adamfo a ogyina hɔ na otie ayefokunu he deɛ, n’ani gye paa. Nti m’anigyeɛ awie pɛyɛ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 3:29
27 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

“Soro ahennie he te sɛ hene bi a otoo ayefohyia pono maa ne ba.


Yesu kaa sɛ, “Afei nso soro ahennie he bɛyɛ sɛ mmabaa du bi a bɛfaa bɛ nkanea sɛ beekohyia ayefokunu.


Na Yesu ka kyerɛ bɛ sɛ, “Ayefohyia he ahɔhoɔ ntumi nni awerɛhoɔ berɛ a ayefokunu he ya bɛnkyɛne, ɔnte saa? Nna bi bɛba a bɛbɛfa ayefokunu he afiri bɛnkyɛne, na afei bɛbɛkyene kɔm.


Na oduru fie a ɔfrɛfrɛ ne nnamfonom ne ne mpɔtamfoɔ boa ano ka kyerɛ bɛ sɛ, ‘Ho ne me nni ahurusie, efiri sɛ mahu me dwane a ɔyeraeɛ he.’


Maaka nsɛm yei akyerɛ ho sɛnea ɔbɛyɛ na m’anigyeɛ bɛtena ho mu, na ama ho anigyeɛ awie pɛyɛ.”


Obesi sesɛɛ hommisaa bibiaa a me dini mu. Hommisa, na ho nsa bɛka, na ho anigyeɛ awie pɛyɛ.


Na afei meeba wo nkyɛne, na meeka yeinom wiase na ama bɛanya m’anigyeɛ, na awie pɛyɛ bɛ mu.


Ɔno deɛ, otwa sɛ ɔkɔ so yɛ kɛse, na me deɛ, me so hwane.”


Na ninkunu a metwe ya ho ho he, metwe no Nyankopɔn mu. Efiri sɛ maahyɛ bɔ sɛ mede ho bɛma agye beema baako awadeɛ, na mede ho ama Kristo sɛ babunu bi a fi nka no da.


homma m’anigyeɛ nwie pɛyɛ: honnya adwene korɔ ne dɔ korɔ, hontena koroyɛ mu na honya botae korɔ.


Yɛɛtwerɛ yei sɛnea ɔbɛyɛ a yɛ anigyeɛ bewie pɛyɛ.


Ɔyɛ nɔkorɛ sɛ, mewɔ nsɛm pii ka kyerɛ ho, nso memfa krataa ne twerɛdua so nka. Na mmom, mewɔ anidasoɔ sɛ mɛba ne ho atena ase akasa, na yɛ anigyeɛ awie pɛyɛ.


Abɔfoɔ nson a bekitakita nkuruwaa nson a haw nson a otwa toɔ he ahyɛ no ma he mu baako baa me nkyɛne bɛkaa sɛ, “Bra, na mɛkyerɛ wo Ayeforɔ a ɔyɛ Dwammaa he yerɛ he.”


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ