2 Ɔbaa Yesu hɔ anadwo bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Rabuni, yenim sɛ woyɛ kyerɛkyerɛni a wofiri Nyankopɔn nkyɛne ne aba, na bi ntumi nyɔ nsɛnkyerɛnne a woyɔ yi, gye sɛ Nyankopɔn ka ne ho.”
Nti bɛsomaa bɛ asuafoɔ ne Herodefoɔ kɔɔ ne nkyɛne, kaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yenim sɛ woyɛ nɔkwafoɔ, wonam nɔkorɛ so kyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwane, na wonsuro nipa biaa, saa nso ne wonhwɛ nnipa anim.
Na sɛ m’Agya adwuma ne meeyɔ deɛ a, hedeɛ sɛ mene honnye me nni a, honye nnwuma he nni na hoahu na ho ate aseɛ sɛ Agya he ya me mu na me nso meya ne mu.”
Wonnye nni sɛ meya Agya he mu, na Agya he nso ya me mu anaa? Nsɛm a meka kyerɛ ho he, omfiri meaa me tim ne meka, na Agya a ɔte me mu he ne yɔ ne nnwuma.
Nti bɛbaa Yohane nkyɛne bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, beema a na ɔne woya Yordan agya a wodii ne ho adanseɛ he, ɔɔbɔ asu ha, na nnipa nyinaa ɔɔkɔ ne nkyɛne.”
Nso mewɔ adanseɛ a ɔkyɛne Yohane deɛ he, efiri sɛ nnwuma a m’Agya de ahyɛ me nsa sɛ menyɔ he, nnwuma a meeyɔ heaa di me ho adanseɛ sɛ Agya heaa ne asoma me.
Na Farisifoɔ he mu bi kaa sɛ, “Nipa yi mfiri Nyankopɔn nkyɛne, efiri sɛ onni homeda.” Nso binom bisaa sɛ, “Ɔbɛyɛ dɛ na nipa debɔneyɛni atumi ayɔ nsɛnkyerɛnne a ɔte sɛ yi?” Afei mpaepaemu baa bɛ mu.
Yesu Nasareni he, Nyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi hyɛɛ no ma, na okyinikyinii asaase he so yɔɔ papa, na ɔsaa bɛ a Bronsam hyɛ bɛ so nyinaa yadeɛ, efiri sɛ na Nyankopɔn ka ne ho.
“Israelfoɔ, hontie nea meeka yi: Yesu, Nasareni he, beema a Nyankopɔn de anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne a ɔno Nyankopɔn he ankasa nam ne so yɔɔ no ho mu yii no adi kyerɛ ho pefee, sɛnea hoaa honim he;