Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 3:19 - Apam Foforɔ

19 Na yei ne atemmuo he, sɛ hann he aba wiase na nnipa dɔ sum kyɛne hann he, efiri sɛ bɛ nnwuma yɛ bɔne.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 3:19
33 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Nti akoa he a onim nea ne wura pɛ nso wansiesie ne ho anaa wanyɔ nea ɔpɛ he, bɛbɛbɔ no mmaa pii.


Afei nso Farisifoɔ a bɛyɛ sikaniberɛ he tee yeinom nyinaa, na befirii aseɛ tweetwee no.


Ne mu ne nkwa ya, na nkwa he ne nnipa hann.


Na hann he hyerɛn sum mu, na sum he ntumi mmunkam mfa ne so.


Afei ne beebebu wiase atɛne; afei ne beebetu wiase sodifoɔ afiri hɔ.


efiri sɛ bɛpɛ nnipa animuonyam kyɛne Nyankopɔn animuonyam mpo.


Maaba wiase sɛ hann, na biaa a ɔgye me di he antena sum mu.


Hobɛyɔ dɛ na hoagye adi berɛ a hogye animuonyam firi hoaa ho ho, na honnye animuonyam mfiri Nyankopɔn korɔ he nkyɛne?


Sɛ bi pɛ sɛ ɔyɛ n’apɛdeɛ a, obehu sɛ nkyerɛkyerɛ he firi Nyankopɔn hɔ anaa m’ankasa ne mebɔ me tim kasa.


Wiase nni nnyinasoɔ biaa de tane ho, na me deɛ ɔtane me, efiri sɛ medi ne ho adanseɛ sɛ ne nnwuma yɛ bɔne.


Na Yesu ka kyerɛɛ bɛ bio sɛ, “Mene wiase hann. Nea odi m’akyi he nnante sum mu da, na obenya nkwa hann he.”


Berɛ a meya wiase yi, mene wiase hann.”


Benim Nyankopɔn ahyɛdeɛ, sɛ bɛ a bɛyɔ saa bɔne yi nyinaa fata wuo, nso nyɛ ne yɔ nkoaa ne bɛyɔeɛ na mmom bɛfoaa bɛ a bɛyɔ saa nso so.


nso bɛ a bedi ntuturasɛm; na bɛpo nɔkorɛ na bɛfa kwane a ɔntene so he, bebenya abufuo ne asotwe.


na bɛabu bɛ a bɛannye nɔkorɛ dɔ he anni na mmom bɛanni gyee nea ɔntene ho he atɛne.


ne sintiboɔ ne sintiduatoɔ botane ama bɛ. Bɛne besonti, efiri sɛ bɛanyɛ setie amma asɛm he. Ɔno nti na beyii bɛ maeɛ.


Nea odi kane he, ɔsɛ sɛ hote aseɛ sɛ, nna a odi akyire he mu he, afedifoɔ a bedi bɛaa bɛ honam akɔnnɔ akyi de fɛwdie bɛba,


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ