Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 3:17 - Apam Foforɔ

17 Na Nyankopɔn ansoma ne Ba he amma wiase sɛ ommebu wiase atɛne, na mmom sɛ bɛmfa no so nnye wiase nkwa.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 3:17
36 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

“Hwɛ, babunu he bɛfa afuro na wawo ba beema, na bɛato ne dini sɛ Immanuel,” asekyerɛ ne sɛ, (Nyankopɔn ne yɛ ya hɔ).


“Honhwɛ yie na hoammu nketewa yi baako mpo animtia; meeka akyerɛ ho, soro hɔ, bɛ abɔfoɔ hwɛ m’Agya a ɔya soro he anim daa.


[Na Nipa Ba he baeɛ sɛ ɔɔbɛgye bɛ a bɛayera.]


Na Nipa Ba he baa sɛ ɔɔbɛhwehwɛ na wagye bɛ a bɛ ayera.”


Na adeɛ kyeɛ he, Yohane huu sɛ Yesu ɔɔba, na ɔkaa sɛ, “Hwɛ! Nyankopɔn adwamaa a oyi wiase bɔne kɔ he di!


hoka kyerɛ me a Agya he ate me ho asoma me aba wiase he sɛ, ‘Woaka abususɛm’ esiane sɛ mekaa sɛ ‘Meyɛ Nyankopɔn Ba nti’?


Menim sɛ wotie me daa, nso nnipakuo a begyina ha he nti ne maka saa na ama bɛagye adi sɛ wone wosomaa me.”


sɛnea woasoma me wiase he, saa ne me nso meesoma bɛ wiase.


sɛ bɛ nyinaa bɛbɛyɛ baako, sɛnea wo, Agya, woya me mu, na meya wo mu; sɛ bɛ nso bɛnyɛ baako yɛ mu, na ama wiase agye adi sɛ wone wosomaa me.


Meya bɛ mu, na woya me mu, sɛ ɔbɛyɛ a bebewie pɛyɛ baakoyɛ mu, na wiase ahu sɛ wone woasoma me na wodɔ bɛ sɛnea wodɔ me he.


“Oo! Agya Teneneeni, wiase nnim wo, nso menim wo, na yeinom nim sɛ woasoma me.


Na yei ne daa nkwa sɛ bebehu wo, wo a aoyɛ Nyankopɔn kann koro he, ne Yesu Kristo nea wasoma no he.


efiri sɛ nsɛm a wode maa me he mede ama bɛ; na bɛ nso bɛagye; na bɛahu ampa sɛ, mefiri wo nkyɛne ne baeɛ, na bɛagye adi sɛ wone wosomaa me.


Na Yesu sane ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Asomdwie nka ho! Sɛnea Agya he asoma me he, saa are ne me nso meesoma ho.”


Na nea Nyankopɔn asoma no he ka Nyankopɔn asɛm, na Nyankopɔn nsusu Honhom ansa na ɔde ama.


Nso mewɔ adanseɛ a ɔkyɛne Yohane deɛ he, efiri sɛ nnwuma a m’Agya de ahyɛ me nsa sɛ menyɔ he, nnwuma a meeyɔ heaa di me ho adanseɛ sɛ Agya heaa ne asoma me.


na n’asɛm nni ho mu, efiri sɛ nea ɔsomaa me he mpo honnye no nni.


Honnsusu sɛ mɛbɔ ho soboɔ akyerɛ Agya he, na nea ɔbɔ ho soboɔ he ya hɔ, ɔno ne Mose a hode ho ani ato ne so he.


Yesu buaa bɛ sɛ, “Nyankopɔn adwuma ne sɛ hobɛgye nea ɔsomaa no he adi.”


efiri sɛ mefiri soro ne aba sɛ hobɛyɔ nea ɔsomaa me he apɛdeɛ, na ɔnyɛ m’ankasa me deɛ.


Na m’Agya apɛdeɛ ne sɛ biaa a ohu Ba he na ɔgye no di he benya daa nkwa, na menyane no da a odi akyi he.”


Sɛnea Agya a ɔte ase he somaa me he, na Agya he nti mete ase he, saa ara nso ne nea odi me honam he, me nti ɔbɛtena ase.


Menim no efiri sɛ, mefiri ne nkyɛne ne baeɛ, na ɔno ne somaa me.”


Na baa he kaa sɛ, “Me wura, daabi.” Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me nso memmu wo fɔ, kɔ na nkɔyɔ bɔne bio.”]


Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Sɛ Nyankopɔn yɛ ho Agya a nka hobɛdɔ me, efiri sɛ mefiri Nyankopɔn hɔ ne baeɛ. Ɔnyɛ mene mede mepɛ baeɛ na mmom ɔno ne somaa me.


Na Kristo he ankasa ne yɛ yɛ bɔne ho mpatadeɛ, na ɔnyɛ yɛ bɔne nkoaa, na mmom wiase nyinaa bɔne nso.


Yɛahu, na yedi adanseɛ sɛ Agya he somaa ne Ba ma ɔbɛyɛɛ wiase Agyenkwa.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ