Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 3:16 - Apam Foforɔ

16 Na sɛnea Nyankopɔn dɔɔ wiase di, sɛ ɔde ne Ba ɔwoo no koro he maeɛ, na biaa a ɔbɛgye no adi he anyera, na mmom wanya daa nkwa.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 3:16
28 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Honkɔ nkosua nea Nyankopɔn kyerɛ, sɛ ‘Mepɛ mmɔborɔhunu, na nyɛ afɔrebɔ.’ Na mamma sɛ meebɛfrɛ ateneneefoɔ, na mmom mebaa sɛ meebɛfrɛ nnebɔnyɛfoɔ.”


Na aaka nipa baako a na ɔyɛ ne dɔ ba. Ɔno ne nea otwa toɔ a ɔsomaa no kɔɔ bɛ nkyɛne kaa sɛ, ‘Bɛde anidie bɛma me ba beema yi.’


“Animuonyam nka Nyankopɔn sorosoro, na asomdwie nka nnipa a bɛsɔ n’ani asaase so.”


Na Asɛm he bɛyɛɛ honam bɛtenaa yɛ mu, na yɛahu n’animuonyam sɛ Agya he Ba a ɔwoo no koro maa yɛ, adom ne nɔkorɛ ahyɛ no ma.


Biaa nni hɔ a wahu Nyankopɔn da. Nyankopɔn a ɔyɛ Ba koro he, nea ɔya Agya he kokom he, ɔno ne wada no adi.


Na adeɛ kyeɛ he, Yohane huu sɛ Yesu ɔɔba, na ɔkaa sɛ, “Hwɛ! Nyankopɔn adwamaa a oyi wiase bɔne kɔ he di!


Mema bɛ daa nkwa, na bɛnyera da. Na biaa ntumi nhwim bɛ mfiri me nsam.


na biaa ɔbɛgye no adi he, benya daa nkwa.”


Nea ɔgye Nyankopɔn Ba he di he, bemmu no atɛne, na nea ɔnnye no nni he, bɛabu no atɛne dada efiri sɛ wannye Nyankopɔn Ba koro pɛ he anni.


Nea ɔgye ba he di he wɔ daa nkwa, na nea ontie ba he onhu nkwa, na Nyankopɔn abufuo ya ne so.


Na m’Agya apɛdeɛ ne sɛ biaa a ohu Ba he na ɔgye no di he benya daa nkwa, na menyane no da a odi akyi he.”


Na sɛ berɛ a yɛyɛ Nyankopɔn atamfoɔ he, bɛnam ne Ba he wuo so apata yɛ ne Nyankopɔn ntam a, ɔbɛyɛ dɛ ne bɛmfa ne nkwa so nnye yɛ.


Nso Nyankopɔn daa ne dɔ adi kyerɛɛ yɛ sɛ yɛda so yɛ nnebɔnyɛfoɔ he, Kristo wu maa yɛ.


Nea wamfa ɔno ankasa ne Ba ankame yɛ na ɔde no maa yɛ nyinaa he, ɔmmfa nnoɔma nyinaa nka ne (Ba he) ho mma yɛ kwa anaa?


Nso Nyankopɔn a, ne mmɔborɔhunu dɔɔso he, firi ne dɔ kɛseɛ a ɔde dɔɔ yɛ he mu,


Nti afei yɛ Awurade Yesu Kristo he ankasa ne yɛ Agya Nyankopɔn a ɔdɔ yɛ na wama yɛ daa awerɛkyekyerɛ ne anidasoɔ pa adom mu he,


Nso berɛ a yɛ Agyenkwa Nyankopɔn nnepa ne n’ayamyɛ daa adi he,


na mmom, yehu Yesu a, ne tebea baa fam kakra sene abɔfoɔ berɛ tiaa bi mu, na seesei deɛ bɛde animuonyam ne anidie abɔ no abotire he, efiri sɛ ohuu wuo mu amane, na ɔnam Nyankopɔn adom so awu ama nnipa nyinaa.


Honhwɛ dɔ mmorosoɔ a Agya he de adɔ yɛ, sɛ bɛmfrɛ yɛ Nyankopɔn mma. Na yɛyɛ ne mma nso. Deɛ nti a wiase nnim yɛ he ne sɛ onnim no.


Yɛdɔ, efiri sɛ, Nyankopɔn ne dii kane dɔɔ yɛ.


ne Yesu Kristo a ɔyɛ danseni nɔkwafoɔ ne wusɔreɛ mu dikanfoɔ ne asaase so ahene sodifoɔ he nkyɛne nka ho. Ɔno a ɔdɔ yɛ, na ɔnam ne mogyaa he so agye yɛ afiri yɛ bɔne mu he


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ