13 Nipa biaa mforo nkɔɔ soro gye sɛ nea wasiane afiri soro, Nipa Ba he.
na honkyerɛkyerɛ bɛ sɛ benni deɛ mahyɛ ho nyinaa so. Na hwɛ, me ne ho ya hɔ nna nyinaa de kosi wiase awieeɛ.”
Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sakramane wɔ bɔno, na nnomaa a bɛya wiem wɔ pirebuo; nso Nipa Ba he deɛ onni baabi a ɔde ne ti bɛto mpo.”
Biaa nni hɔ a wahu Nyankopɔn da. Nyankopɔn a ɔyɛ Ba koro he, nea ɔya Agya he kokom he, ɔno ne wada no adi.
Na esiane sɛ na Yesu nim sɛ Agya he de nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nsa, na ofiri Nyankopɔn nkyɛne, na ɔɔkɔ Nyankopɔn hɔ nti,
Na afei, Agya, fa animuonyam a na mewɔ no wo nkyɛne ansa na wiase ɔɔba he hyɛ me bio woaa wo nkyɛne.
Sɛ maaka asaase so nsɛm akyerɛ ho na honnye nni a, ɔbɛyɛ dɛ na meka soro nsɛm kyerɛ ho a hoagye adi?
Nea ofiri soro ba he boro biaa so. Ampa nea ofiri asaase so he firi asaase so, na ɔka asaase so nsɛm. Nea ofiri soro ba he boro biaa so.
Na Nyankopɔn paanoo ne nea osiane firi soro ba na ɔma wiase nkwa he.”
efiri sɛ mefiri soro ne aba sɛ hobɛyɔ nea ɔsomaa me he apɛdeɛ, na ɔnyɛ m’ankasa me deɛ.
Na bɛkaa sɛ, “Ɔnyɛ yei ne Yesu, Yosef ba, nea yenim ne papa ne ne maame he? Ɔyɛɛ dɛ ne afei deɛ ɔdɛ, ‘Mene paanoo a osiane firii soro he’?”
Biaa nhuu Agya he, gye sɛ nea ofiri Nyankopɔn hɔ he; ɔno ne wahu Agya he.
Mene paanoo a nkwa yam a mesiane firi soro baeɛ he, sɛ bi di paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na paanoo a mede bɛma wiase nkwa he ne me honam.”
Na afei, sɛ hohu Nipa Ba he sɛ ɔɔkɔ soro, baabi a na ɔya kane he nso ɛ?
Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Sɛ Nyankopɔn yɛ ho Agya a nka hobɛdɔ me, efiri sɛ mefiri Nyankopɔn hɔ ne baeɛ. Ɔnyɛ mene mede mepɛ baeɛ na mmom ɔno ne somaa me.
Na Dawid amforo ankɔ soro, nso ɔno ankasa kaa sɛ, ‘Awurade ka kyerɛɛ m’Awurade sɛ, Tena me nsa nifa,
Honhwɛ ho ho so yie, na honhwɛ nnipa a Honhom Kronkron he de ho ayɛ bɛ so nhwɛsofoɔ he, na honhwɛ Nyankopɔn asafo a ɔde ɔnoaa ne Ba mogyaa atɔ he so.
Nso tenenee a ofiri gyidie mu he dɛ, “Nka no w’akomam sɛ, Hwane ne bɛforo akɔ soro?” (Ɔne sɛ, ɔde Kristo bɛba fam),
Nipa a odi kane he firi fam, ɔyɛ famni, nipa a ɔtɔ so mmienu he firi soro
ɔyɛ Kristo nipadua, a nea ɔhyɛ adeɛ nyinaa ma he hyɛ no ma.