Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 21:7 - Apam Foforɔ

7 Na suani a Yesu dɔ no he ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Ɔyɛ Awurade!” Petro tee sɛ ɔyɛ Awurade he, ɔde n’ataadeɛ kyekyeree ne ho, efiri sɛ na ɔda adagya, na ohuri kɔhwee po he mu.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 21:7
20 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Sɛ bi bisa ho sɛ, ‘Ɛɛne nti ne hooyɔ yei a,’ honka sɛ, ‘Awurade hia no, hoka saa a ɔntwentwɛne ne nane ase koraa na wama hode no aba ha.’ ”


“Hommɔ abɔsoɔ, na homma ho nkanea nnɛre,


efiri sɛ bɛawo Agyenkwa a ɔne Awurade Kristo he ama ho nnɛ Dawid kurom.


Yei nti, meeka akyerɛ wo sɛ, ewom sɛ ne bɔne dɔɔso deɛ, nso bɛde akyɛ no, efiri sɛ ɔdɔɔ pii; nso nea bɛde kakraa bi akyɛ no he dɔ kakraa bi.”


Na asuafoɔ he mu baako a Yesu dɔ no he twere Yesu kokom


Na Yesu huu ne maame ne suani a ɔdɔ no he sɛ ogyina ne maame nkyɛne he, ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ, “Baa, hwɛ, wo ba beema di.”


Nti ɔde mmirika kɔɔ Petro ne suani foforɔ a Awurade pɛ n’asɛm he nkyɛne kɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Bɛafa Awurade afiri nna he mu, na yennim baabi a bɛde no akɔto.”


Na ɔkaa saa he, ɔde ne nsa ne ne mfem kyerɛɛ asuafoɔ he. Na asuafoɔ he ani gyee sɛ bɛahu Awurade.


Toma buaa no sɛ, “M’Awurade ne me Nyankopɔn!”


Petro danee ne ho he, ohuu suani a Yesu dɔ no he sɛ odi n’akyi, nea na ɔtweree Yesu kokom adidie he ase a obisaa sɛ, “Awurade, hwane ne beyi wo ama he.”


Yei ne suani a oodi nnoɔma yi ho adanseɛ na watwerɛ yeinom, na yenim sɛ adanseɛ a odi he yɛ nɔkorɛ.


Na asuafoɔ nkaeɛ he baa kodoɔ he mu bɛtwee asau a na adwene ahyɛ no ma he, saa berɛ he na bɛne asaase ntam bɛyɛ basafa ha.


Ɔde asɛm he kɔmaa Israel mma, na ɔkaa asomdwie a ɔnam Yesu Kristo so ba he ho asɛm pa kyerɛɛ bɛ, yei ne nnipa nyinaa wura.


Nti ma Israel fie nyinaa nhu ampa sɛ Nyankopɔn ayɔ Yesu yi a hobɔɔ no asennua mu he Awurade ne Kristo.”


Nipa a odi kane he firi fam, ɔyɛ famni, nipa a ɔtɔ so mmienu he firi soro


Na yeinom nyinaa mu he, Kristo dɔ he ne hyɛ yɛ, efiri sɛ, yenim pefee sɛ baako wu maa yɛ nyinaa; saa deɛ a ɔte sɛ yɛ nyinaa yɛawu.


Me nuanom a hoyɛ yɛ Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ animuonyam wura he mu agyidifoɔ he, ɔnsɛ sɛ honyɔ nyinyimu.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ