Afei Yesu wuraa asɔredane mu hɔ na ɔpaamoo bɛ a bɛɛtɔno nnoɔma ne bɛ a bɛɛtɔ firii asɔredane he mu, na ɔkekaa sika sesafoɔ apono ne bɛ a bɛɛtɔno mmuburo nkonnwa butuiɛ.
Afei bɛbaa Yerusalem. Na ɔkɔɔ asɔrefie hɔ na ɔhyɛɛ aseɛ pamoo bɛ a bɛɛtɔno ne bɛ a bɛɛtɔ nnoɔma asɔrefie hɔ, na ɔdanee sika sesafoɔ apono, ɔne bɛ a bɛtɔno mmorɔnoma he nkonnwa butubutuiɛ.
Na afei Twam afahyɛ he oobeduru he, na Yesu nim sɛ berɛ he aduru sɛ oobefiri wiase akɔ Agya he nkyɛne. Na ɔdɔɔ ɔnoaa ne deɛ a na bɛya wiase he, na ɔdɔɔ bɛ de kosii awieeɛ.