Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 2:11 - Apam Foforɔ

11 Yesu yɔɔ yei Kana a ɔya Galilea. Yei ne nsɛnkyerɛnne a odi kane, na ɔdaa n’animuonyam adi; na n’asuafoɔ he gyee no diiɛ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 2:11
43 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na Asɛm he bɛyɛɛ honam bɛtenaa yɛ mu, na yɛahu n’animuonyam sɛ Agya he Ba a ɔwoo no koro maa yɛ, adom ne nɔkorɛ ahyɛ no ma.


Mmara he deɛ, bɛnam Mose so ne de maeɛ, na adom ne nɔkorɛ he deɛ nam Yesu Kristo so ne baeɛ.


Adeɛ kyeeɛ he, Yesu yɔɔ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ Galilea. Ohuu Filipo, na ɔka kyerɛ no sɛ, “Di m’akyi.”


Yesu kaa sɛ, “Meka kyerɛ wo sɛ mehuu wo borɔdoma dua he ase ne wogyedi yi? Wobehu nnoɔma akɛseɛ a ɔkyɛne yeinom.”


Na nnipa bebree baa ne nkyɛne, na ɔkaa sɛ, “Yohane anyɔ nsɛnkyerɛnne baako pɛ mpo, nso nea Yohane ka faa saa nipa yi ho he nyinaa yɛ nɔkorɛ.”


Na ho nti ɔyɛ me anigye sɛ na menni hɔ, sɛ ɔbɛyɛ na hobɛgye adi. Nso ho mma yɛnkɔ ne nkyɛne.”


Nti asɔfo mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ he maa bekohyiaa abadwafoɔ he, na bɛkaa sɛ, “Mmɛ ne yɛbɛyɔ efiri sɛ nipa yi ɔɔyɔ nsɛnkyerɛnne pii?


Ɔnam sɛ bɛtee sɛ wayɔ saa nsɛnkyerɛnne yi nti, nnipakuo he kohyiaa no.


Ewom sɛ na waayɔ nsɛnkyerɛnne pii bɛ anim deɛ, nso bɛannye no anni.


Yesaia kaa yeinom, efiri sɛ ohuu n’animuonyam, na ɔkaa ne ho asɛm.


Na bibiaa a hobɛsrɛ me dini mu he ɔno ne mɛyɔ na Agya he anya animuonyam Ba he mu.


Na Agya he ankasa dɔ ho, efiri sɛ hodɔ me na hoagye adi sɛ mefiri Nyankopɔn nkyɛne ne aba.


Afei deɛ yɛahu sɛ wonim bibiaa, na onhia sɛ biaa bebisa wo hwee. Yei nti yɛagye adi sɛ wofiri Nyankopɔn hɔ ne baeɛ.”


Yei akyi da a ɔtɔ so mmeɛnsa he, na ayefohyia bi ɔɔkɔ so Kana a ɔya Galilea. Na Yesu maame ya hɔ.


Na berɛ a ɔya Yerusalem Twam afahyɛ ase he, nnipa bebree a behuu nsɛnkyerɛnne a ɔyɔeɛ he gyee no diiɛ.


Ɔbaa Yesu hɔ anadwo bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Rabuni, yenim sɛ woyɛ kyerɛkyerɛni a wofiri Nyankopɔn nkyɛne ne aba, na bi ntumi nyɔ nsɛnkyerɛnne a woyɔ yi, gye sɛ Nyankopɔn ka ne ho.”


Ofirii Yudea na ɔsane n’akyi baa Galilea.


Afei Yesu sane baa Kana a ɔya Galilea, baabi a ɔdanee nsuo nsa he bio. Na ahenkwaa panyini bi ya hɔ a ne ba yare ya Kapernaum.


Yei nso ne nsɛnkyerɛnne a ɔtɔ so mmienu a Yesu firi Yudea baa Galilea he, ɔyɔeɛ.


na ama biaa adi Ba he ni sɛnea bedi Agya he ni heaa. Nea onni Ba he ni he, onni Agya a ɔsomaa no he nso ni.


Afei nnipa he huu nsɛnkyerɛnne a Yesu yɔeɛ he, bɛkaa sɛ, “Nɔkwasɛm, diyifoɔ a ɔɔba wiase he di.”


Na nnipakuo kɛseɛ kɔɔ so dii n’akyi, efiri sɛ behuu nsɛnkyerɛnne a na ɔɔyɔ ma ayarefoɔ.


Yesu buaa bɛ sɛ, “Nɔkwasɛm a ɔyam ne sɛ, ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne a hohuiɛ nti ne hoohwehwɛ me, na mmom paanoo a hodi meeɛ he nti a.


Nti bebisaa no sɛ, “Abɛ nsɛnkyerɛnne ne wobɛyɔ na yɛagye wo adi? Mmɛ adwuma ne wooyɔ?


Na nnipakuo he mu pii gyee no diiɛ, na bebisaa sɛ, “Sɛ Kristo he ba a, ɔbɛyɔ nsɛnkyerɛnne asene nea nipa yi ayɔ yi anaa?”


Na Farisifoɔ he mu bi kaa sɛ, “Nipa yi mfiri Nyankopɔn nkyɛne, efiri sɛ onni homeda.” Nso binom bisaa sɛ, “Ɔbɛyɛ dɛ na nipa debɔneyɛni atumi ayɔ nsɛnkyerɛnne a ɔte sɛ yi?” Afei mpaepaemu baa bɛ mu.


Na yɛ nyinaa yɛayi nkatanimu he afiri yɛ anim ne yɛɛhwɛ Awurade animuonyam te sɛ yɛɛhwɛ ahwehwem, wasesa yɛ afiri adom mu kɔ adom mu, na yei firi Awurade, honhom he.


Na saa amanehunu kakra yi a yɛɛfam yi, oosiesie yɛ ama daa animuonyam a ɔboro adeɛ nyinaa so a yentumi mfa seesei amanehunu yi ntoto ho koraa,


efiri sɛ Nyankopɔn kaa sɛ, “Hann mfiri sum mu nhyerɛn,” ɔnoaa ne ahyerɛn yɛ akoma mu, sɛ Nyankopɔn animuonyam a ɔya Yesu Kristo anim he nimdeɛ nhyerɛn.


Meetwerɛ yei abra ho, ho a hogye Nyankopɔn ba he dini di he, na ama hoahu sɛ howɔ nkwa a onni awieeɛ.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ