Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 19:4 - Apam Foforɔ

4 Pilato kɔɔ abɔntene bio kɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hwɛ! Mede no oofiri adi abra ho na hoahu sɛ menhuu ne ho mfomsoɔ biaa.”

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 19:4
16 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Berɛ a na ɔte atemmuo adwa he so he, ne yerɛ soma maa bɛbɛka kyerɛɛ no sɛ, “Nyɔ bibiaa ntia saa beema a onni fɔ yi, na nnɛ maabrɛ papaapa, ɔnam daeɛ bi a m’aso afa ne ho nti.”


Nti Pilato huu sɛ ontumi nyɔ bibiaa bio, na afei basabasa bi ɔɔhyɛ aseɛ he, ɔfaa nsuo bi hohoro ne nsa nipakuo he anim, kaa sɛ, “Menni beema yi mogyaa ho fɔ; honyɔ deɛ hopɛ.”


Ɔkaa sɛ, “Maayɔ bɔne sɛ maayi nipa a onni fɔ ama.” Nso bɛkaa sɛ, “Ɔfa yɛ ho bɛ? Ɔyɛ woaa w’asɛm.”


Na asraafoɔ ha so panyini ne bɛ a bɛka ne ho ɔɔwɛne Yesu he huu asaasewosoɔ ne nnoɔma a ɔsisiiɛ he, besuroo pii, kaa sɛ, “Ampa, Nyankopɔn Ba di!”


Afei Pilato ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne nnipakuo he sɛ, “Menhu bɔne biaa beema yi ho.”


Yɛ deɛ, wuo fata yɛ, efiri sɛ nea yɛ yɔeɛ so akatua ne yɛ nsa aka yi, na yei deɛ, ɔnyɔɔ mfomsoɔ biaa.”


Na sraani panyini he huu nea asi he, ɔhyɛɛ Nyankopɔn animuonyam sɛ, “Ampa, na nipa yi yɛ teneneeni.”


Nti Pilato kɔɔ amrado abane he mu hɔ bio, na ɔfrɛɛ Yesu bisaa no sɛ, “Wo ne Yudafoɔ hene he?”


Pilato bisaa no sɛ, “Ɛɛne ne nɔkorɛ?” Ɔkaa yei wieeɛ he, ɔsane firi kɔɔ Yudafoɔ he hɔ kɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Mennhuu mfomsoɔ biaa ne ho.


Berɛ a asɔfoɔ ne awɛmfoɔ he huu Yesu he, bɛteateaam sɛ, “Bɔ no asennua mu! Bɔ no asennua mu!” Pilato ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho ankasa homfa no na hommɔ no asennua mu. Menhu mfomsoɔ biaa ne ho.”


Na yɛ nti nea onnim bɔne he, Nyankopɔn de yɛ bɔne ho afobuo to ne so, sɛnea ɔbɛyɛ a yɛnam ne so bɛyɛ tenenee ama Nyankopɔn.


Nti na ohia sɛ yenya sɔfo panyini a ɔte saa, ne ho te, ne ho nni asɛm, nkekaeɛ nni ne ho, bɛate ne ho afiri nnebɔnyɛfoɔ ho, na bɛama no so mmorosoɔ.


na mmom, bɛde Kristo a ɔte sɛ adwammaa a onni dɛm ne nkekaeɛ he mogyaa a ne boɔ ɔdene he ne gyee ho.


Ɔno na wanyɛ bɔne, na bɛanhu nnaadaa biaa nso n’anum.


Na Kristo nso huu bɔne ho amane prɛko; ɔno a ɔtene he wu maa abɔnefoɔ, na ɔde ho akɔ Nyankopɔn nkyɛne; ɔno na bekuu no honam mu nso, ɔnam Honhom he so sɔreeɛ,


Honim sɛ ɔbaa sɛ oobeyi bɔne afiri hɔ, ɔno deɛ, bɔne biaa nni ne mu.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ