3 Nti Yuda de asrafokuo ne awɛmfoɔ a befiri asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ he nkyɛne baa hɔ a na bekitakita ntanii ne nkanea ne akodeɛ.
Yesu kaa sɛ, “Afei nso soro ahennie he bɛyɛ sɛ mmabaa du bi a bɛfaa bɛ nkanea sɛ beekohyia ayefokunu.
Nti berɛ a na beebedi anwummerɛduane he, na bronsam de ahyɛ Simon ba Yuda Iskariot akomam dada sɛ onyi no ma.
Afei asrafokuo he ne bɛ safohene ne Yudafoɔ awɛmfoɔ he kyee Yesu, na bɛkyekyeree no.
Na esiane sɛ na awɔ yam nti, na nkoa ne awɛmfoɔ he de bidie asɔ gya gyinagyina ho ɔɔto. Na Petro nso ne begyina hɔ ɔɔto gya he bi.
Na ɔkaa yei he, awɛmfoɔ he mu baako a na ogyina hɔ bɔɔ Yesu asom, kaa sɛ “Nti, sɛnea wobuaa sɔfopanyini di?”
Berɛ a asɔfoɔ ne awɛmfoɔ he huu Yesu he, bɛteateaam sɛ, “Bɔ no asennua mu! Bɔ no asennua mu!” Pilato ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho ankasa homfa no na hommɔ no asennua mu. Menhu mfomsoɔ biaa ne ho.”
Farisifoɔ he tee sɛ nnipakuo he oonwinwii keka yeinom fa ne ho, na Farisifoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ he somaa asɔrefie awɛmfoɔ sɛ bɛnkɔ kye no.
“Anuanom, otwa sɛ twerɛsɛm a Honhom Kronkron nam Dawid so ka faa Yuda a ɔkyerɛɛ bɛ a bɛkyee Yesu he kwane maa bɛkyee no he ba mu.
Na beema bi ya Kaesarea a bɛfrɛ no Konelio, a ɔyɛ Italia asrafodɔm ha so panyini.