Na afei, adeɛ kyee anɔpa tutuutu he, asɔfoɔ mpayimfoɔ, mane he mu mpanyimfoɔ, atwerɛfoɔ ne abadwafoɔ he nyinaa tuu agyina. Bɛkyekyeree Yesu de no kɔeɛ na bɛde no kɔhyɛɛ Pilato nsa.
Na berɛ a bɛɛyɛ de no aduru asraafoɔ asoeɛ hɔ he, Paulo bisaa sahene he sɛ, “Mewɔ ho kwane sɛ meka asɛm bi kyerɛ ho anaa?” Obuaa sɛ, “Wobetumi aka Hela kasa?
Afei berɛ a akasakasaa he mu yɛɛ dene he, na sahene he suro sɛ bɛbɛtete Paulo mu asisinasini, nti ɔhyɛɛ asraafoɔ he sɛ bɛnkɔgye no mfiri bɛ nsa mu mfa no mmra asraafoɔ asoeɛ hɔ.