Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 17:4 - Apam Foforɔ

4 Mawie adwuma a wode ama me sɛ menyɔ he de ahyɛ wo animuonyam asaase so.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 17:4
13 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na meeka akyerɛ ho sɛ, otwa sɛ nea bɛatwerɛ yi bam fa me ho sɛ, ‘Bɛkane no fraa mmaratofoɔ.’ Na nea ɔfa me ho he anya abam.”


Agya, hyɛ wo dini animuonyam.” Na afei nne bi firi soro baeɛ sɛ, “Maahyɛ no animuonyam dada, na mɛhyɛ no animuonyam bio.”


Na bibiaa a hobɛsrɛ me dini mu he ɔno ne mɛyɔ na Agya he anya animuonyam Ba he mu.


nso meeyɔ sɛnea Agya he hyɛ me he, na wiase ahu sɛ me dɔ Agya he. Honsɔre ma yemfiri ha nkɔ.


Sɛ hodi m’ahyɛdeɛ so a, hobɛtena me dɔ mu, sɛnea madi m’Agya ahyɛdeɛ so na mete ne dɔ mu he.


Yei akyi a Yesu huu sɛ woanya awie nnoɔma nyinaa he (sɛnea ɔbɛyɛ na twerɛ he aba mu nti), ɔkaa sɛ, “Sukɔm de me.”


Na Yesu gyee nsa he, ɔkaa sɛ, “Mawie!” Osii ne ti ase, na ogyaam.


Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “M’aduane ne sɛ mɛyɔ nea ɔsomaa me he apɛdeɛ, na mawie n’adwuma.


Nso mewɔ adanseɛ a ɔkyɛne Yohane deɛ he, efiri sɛ nnwuma a m’Agya de ahyɛ me nsa sɛ menyɔ he, nnwuma a meeyɔ heaa di me ho adanseɛ sɛ Agya heaa ne asoma me.


Yesu buaa sɛ, “Ɔnyɛ beema yi anaa n’awofoɔ ne yɔɔ bɔne, na mmom bɛwoo no anifra mu senea ɔbɛyɛ a Nyankopɔn nnwuma bɛda adi ne mu.


Nso memmu me kra sɛ adehia sɛ wie a mewie me som ne adwuma a Awurade Yesu de ahyɛ me nsa sɛ menka asɛmpa a ɔfa Nyankopɔn adom he ho he.


Maakõ kõ pa he, maawie mmirika he tu, maakura gyidie he mu.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ