11 Na afei nso, menni wiase bio, na mmom bɛ deɛ bɛya wiase, na meeba wo nkyɛne. Agya Kronkron, bɔ bɛ a wode bɛ ama me he ho bane wo dini mu na bɛayɛ baako sɛ yɛyɛ baako he.
Na afei Twam afahyɛ he oobeduru he, na Yesu nim sɛ berɛ he aduru sɛ oobefiri wiase akɔ Agya he nkyɛne. Na ɔdɔɔ ɔnoaa ne deɛ a na bɛya wiase he, na ɔdɔɔ bɛ de kosii awieeɛ.
Afei anuanom, menam yɛ Awurade Yesu Kristo dini so ootu ho fo sɛ, ho nyinaa honya adwene korɔ; na hommma mpaepaemu mma ho mu, na mmom honka mmom adwene korɔ mu ne nsusuiɛ korɔ mu.
Ɔno ankasa ne da Nyankopɔn animuonyam a ɔhyerɛn he adi na ɔyɛ Nyankopɔn su nsɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔnam n’asɛm a tumi yam so kita nnoɔma nyinaa mu. Na odwiraa yɛ bɔne wieeɛ he, ɔkɔtenaa deɛ ɔwɔ tumi boro tumi nyinaa so, na ɔya soro soro he nifa.
Na Kristo anhyɛne kronkronbea a bɛde nsa ayɔ a ɔyɛ kronkronbea kann he ho nhwɛsoɔ he mu, na mmom ɔhyɛnee soro ankasa sɛ afei ookoyi ne ho adi Nyankopɔn anim ama yɛ.
Ɔnsɛ sɛ yɛyɔ sɛ Kain a na ɔyɛ Bronsam deɛ nti, okuu ɔno ankasa ne nua. Na ɛɛne nti ne Kain kuu no? Ɔyɔɔ saa efiri sɛ, ɔnoaa ne nnwuma a ɔyɔeɛ he, na ɔyɛ bɔne. Nso ne nua he deɛ, ɔyɔɔ deɛ ɔtene.
Awurade, hwane na oonsuro wo na ɔɔnhyɛ wo dini animuonyam? Efiri sɛ wo nkoaa ne woyɛ kronkron, na amane nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, efiri sɛ w’atɛne tenenee ada adi.
Na ateasefoɔ nnan he mu biaa wɔ ntabane nsia a ani tuatua akyire ne animu nyinaa. Anadwo ne awia nyinaa bɛto nnwom sɛ, “Kronkron, Kronkron, Kronkron ne Awurade Nyankopɔn Tumfoɔ a na ɔya hɔ tetentredee, na seesei nso ɔya hɔ, na ɔya hɔ daa.”