Afei n’asuafoɔ he binom bisaa bɛ ho bɛ ho sɛ, “Asɛm a ɔɔka kyerɛ yɛ yi kyerɛ sɛ, “Aaka kakraa bi na honhu me, na bio aaka kakraa bi hobehu me; ne sɛ ‘Efiri sɛ meekɔ Agya he nkyɛne’?”
Na Yesu huu sɛ bɛpɛ sɛ bebisa no nea ɔkaeɛ he asekyerɛ he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Asɛm a mekaa sɛ ‘Aaka kakraa bi na honhu me, na bio aaka kakraa bi hobehu me’ he ne hoobisabisa ho ho asekyerɛ yi?”
Ɔyam sɛ ɔsɛ sɛ nka saa mmerɛ yi ho tumi kyerɛkyerɛ afoforɔ, nso ho da soaa hia sɛ bɛkyerɛkyerɛ ho Nyankopɔn nsɛm mu mfitiasesɛm he. Ho hia nofosuo, na ɔnyɛ aduane a mu ɔdene;