18 “Sɛ wiase tane ho a, honhu sɛ ɔtane me ansa na ɔɔtane ho.
na me dini nti nnipa nyinaa bɛtane ho. Na nea obegyina akosi awieeɛ he, ɔno ne bɛbɛgye no nkwa.
“Saa mmerɛ he bebeyi ho ama sɛ bɛmfa homfa ahohiahia mu, na bɛaku ho, na me dini nti amane nyinaa bɛtane ho.
Nhyira ne ho sɛ nnipa ka nsɛm gu ho so, na bɛtaa ho na bɛka nsɛmmɔne bebree fa ho ho, na me nti bedi torɔ gu ho so.
Na me dini nti nnipa nyinaa bɛtane ho. Nso nea obegyina akosi awieeɛ he ne benya nkwa.
“Nhyira ne ho sɛ nnipa tane ho, na beyi ho firi nnipa mu, na bɛbɔ ho ahohora, na Nipa Ba he nti, bɛmmɔ ho dini nka asɛm te sɛnea ho dini yɛ akyiwadeɛ.
“Maaka yei nyinaa akyerɛ ho sɛ ɔbɛyɛ a bibiaa nto ho sintidua.”
Maaka yeinom nyinaa akyerɛ ho sɛ ɔbɛyɛ a hobenya asomdwie me mu. Hobehyia taa wiase mu. Nso homma ho bo ntɔ ho yam; na maadi wiase so nkunim dada!
Biaa a ɔyɔ bɔne he tane hann he, na ɔmma hann he ho, sɛ ɔbɛyɛ a ne nnwuma he onna adi.
Wiase nni nnyinasoɔ biaa de tane ho, na me deɛ ɔtane me, efiri sɛ medi ne ho adanseɛ sɛ ne nnwuma yɛ bɔne.
Hɔ ne bɛhyɛɛ akra he dene na bɛhyɛɛ bɛ nkuranee sɛ bɛntoa gyidie he so. Na afei bɛkaa sɛ, “ɔsɛ sɛ yɛfa taa pii mu na yɛakɔ Nyankopɔn ahennie he mu.”
nhwɛ, Yesu a ɔyɛ yɛ gyidie farebae na ɔno nso ne ma no wie pɛyɛ, ɔno ne hwɛɛ anigyeɛ a ɔda n’anim he na ɔde boasetɔ huu asennua he ho amaneɛ, na obuu n’ani guu ho aniwuo so. Ne saa nti, waagye n’adwa Nyankopɔn ahennie he nifa.
Ei awaresɛefoɔ! Honnim sɛ wiase yi adamfofa yɛ tane a bɛ tane Nyankopɔn anaa? Biaa a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo yɛ Nyankopɔn tamfoɔ.
Honhwɛ dɔ mmorosoɔ a Agya he de adɔ yɛ, sɛ bɛmfrɛ yɛ Nyankopɔn mma. Na yɛyɛ ne mma nso. Deɛ nti a wiase nnim yɛ he ne sɛ onnim no.
Nti anuanom, sɛ wiasefoɔ tane ho a, hommma ɔnnyɛ ho nwanwa.
Na biaa a ɔwɔ saa anidasoɔ yi ne mu he te ne ho, sɛnea ɔno nso ho te he.