Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 15:1 - Apam Foforɔ

1 “Mene bobe trodoo he, m’Agya ne kuafoɔ he.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 15:1
28 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Obuaa sɛ, “Dua biaa a ɔnyɛ m ‘Agya a ɔya soro he ne duaeɛ he bebetu.


“Na soro ahennie he te sɛ afuowura bi a ɔkɔɔ abɔntene anɔpatutuutu sɛ ɔɔkɔpɛ apaafoɔ akɔ ne bobe turo mu.


Afei Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hontie mfantoho foforɔ yi, afuowura bi yɔɔ bobe turo, too bane faa ho, tuu mu nsa-kyi-amena, na osii abane tentene. Na ɔde hyɛɛ nhwɛsofoɔ nsa firii hɔ kɔɔ mane foforɔ so.


Afei Yesu firii aseɛ de mfantoho kasa kyerɛɛ bɛ sɛ, “Beema bi yɔɔ bobe turo, gyee ho hyiaeɛ, tuu nsa-kyi-amena, na osii awɛmfoɔ dane; afei ɔde turo he hyɛɛ ahwɛfoɔ nsa, na otuu kwane kɔɔ kuro foforɔ so.


Afei ɔtoaa so maa mfantoho yi sɛ, “Na beema bi wɔ borɔdoma si ne bobe turom, na ɔbaa sɛ ɔɔbɛhwɛ sɛ aduaba ya so a, nso wannya bi.


Mmara he deɛ, bɛnam Mose so ne de maeɛ, na adom ne nɔkorɛ he deɛ nam Yesu Kristo so ne baeɛ.


Saa berɛ he, na hann trodoo a ɔhyerɛn ma nnipa nyinaa he ɔɔba wiase.


Mmane biaa ɔnso aba he, oyi firi ho; na nea ɔsõ aba he oyiyi ho ma ne so bebree.


Na Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, ɔnyɛ Mose ne maa ho paanoo a ofiri soro he, na mmom m’Agya ne maa ho paanoo kann a ofiri soro he.


efiri sɛ me honam yɛ aduane ampa na me mogyaa yɛ anonneɛ ampa.


Nso sɛ mmane he bi bu firii ho a, na wo, wuram ngodua, bɛde wo hyɛɛ ananem sɛ wobenya ahonya a ɔya ngodua nhini he mu bi a,


efiri sɛ yɛyɛ Nyankopɔn asomfoɔ a yɛyɔ adwuma bom. Hote sɛ Nyankopɔn afuo, ne ne dane.


Nso, kwane bi so he, mmara a meetwerɛ abra ho yi yɛ foforɔ, na mu nɔkorɛ he da adi ya Kristo mu. Sum he ootwam na hann trodoo he ahyɛ aseɛ ɔɔhyerɛn.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ