Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 14:3 - Apam Foforɔ

3 Na sɛ mekosiesei baabi ma ho a, mɛba bio, na mabɛfa ho akɔ me nkyɛne, na nea meya he ho nso hoaba hɔ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 14:3
20 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Sɛ bi yɛ me somfoɔ a ma no nni m’akyi, na baabi a meya he, hɔ ne me somfoɔ bɛba; na sɛ bi som me a, m’Agya bedi no ni.


Hoate sɛ meka kyerɛɛ ho sɛ, ‘Meekɔ na mɛba ho nkyɛne.’ Sɛ hodɔ me a nka ho ani bɛgye sɛ meekɔ Agya he nkyɛne efiri sɛ m’Agya he yɛ keseɛ kyɛne me.


Honnim kwane a ɔkɔ baabi a meekɔ he.”


Agya mepɛ sɛ bɛ a wode bɛ ama me he ba baabi a meya he. Bɛmmɛka me ho na benhu m’animuonyam a wode ama me he, efiri sɛ wodɔɔ me ansa na wohyɛɛ wiase fapem ase.


Na bɛkaa sɛ, “Galilea mmeema, ɛɛne nti na hogyina ha ɔɔhwɛ soro haa yi? Yesu yi a bɛafa no ho nkyɛne kɔ soro yi, ɔbɛba saa, sɛnea hohu no sɛ ɔɔkɔ soro yi.”


na sɛ yɛyɛ mma a, hedeɛ yedi adeɛ nso, yɛyɛ Nyankopɔn adedifoɔ, na yɛ ne Kristo bom di adeɛ; nɔkwasɛm ne sɛ, yɛ ne no hu amaneɛ a, saa ara nso ne bɛbɛhyɛ yɛne no animuonyam abom.


Na menhu mmienu yi mu nea memfa: nea mepɛ ne sɛ nka mefiri wiase yi mu ne Kristo akɔtena efiri sɛ, saa mmom yɛ paa;


na bɛahyɛ yɛ Awurade Yesu dini animuonyam ho mu, na bɛahyɛ ho nso animuonyam ne mu, sɛnea yɛ Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom he teɛ.


sɛ yegyina pintinn a, yɛ ne no bedi hene nso; sɛ yɛpo no a ɔno nso bɛpo yɛ;


saa nso ne Kristo a ɔde ne ho bɔɔ afɔreɛ prɛko sɛ ɔbɛsoa nnipa bebree bɔne prɛko he, beyi ne ho adi ne mprenu so a, ɔmmɛyɔ bɔne ho adwuma, na mmom ɔɔbɛgye bɛ a bɛhwɛ no kwane dendenndene he nkwa.


Mɛma nkunimdifoɔ he atena m’ahennwa he so sɛnea madi nkunim nti mete m’Agya ahennwa so seesei he.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ