M’Agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa, na biaa nnim onii ko a Ba he yɛ, gye Agya he; na biaa nnim onii a Agya he yɛ, gye Ba he ne nea Ba he pɛ sɛ ɔda no adi kyerɛ no nkoaa.”
Na afei Twam afahyɛ he oobeduru he, na Yesu nim sɛ berɛ he aduru sɛ oobefiri wiase akɔ Agya he nkyɛne. Na ɔdɔɔ ɔnoaa ne deɛ a na bɛya wiase he, na ɔdɔɔ bɛ de kosii awieeɛ.
Yesu buaa sɛ, “Mpo sɛ medi meaa me ho adanseɛ a, m’adanseɛ he yɛ nɔkorɛ, efiri sɛ, menim baabi a mefiri baeɛ ne baabi a meekɔ. Na ho deɛ honnim baabi a mefiri ne baabi a meekɔ.
Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Sɛ Nyankopɔn yɛ ho Agya a nka hobɛdɔ me, efiri sɛ mefiri Nyankopɔn hɔ ne baeɛ. Ɔnyɛ mene mede mepɛ baeɛ na mmom ɔno ne somaa me.
Na “Nyankopɔn de nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nane ase.” Na sɛ ɔka sɛ, “Nnoɔma nyinaa hyɛ ne nane ase a,” ɔda hɔ pefee sɛ, deɛ ɔde nnoɔma he guu ne nane ase he nka nnoɔma a ɔhyɛ n’ase he ho.