Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 13:23 - Apam Foforɔ

23 Na asuafoɔ he mu baako a Yesu dɔ no he twere Yesu kokom

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 13:23
15 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na berɛ bi akyi he, hiani he wuiɛ na abɔfoɔ faa no kɔɔ Abraham kokom. “Defoɔ he nso wuiɛ ma besiee no.


Biaa nni hɔ a wahu Nyankopɔn da. Nyankopɔn a ɔyɛ Ba koro he, nea ɔya Agya he kokom he, ɔno ne wada no adi.


Nti ne nuamaanom too Yesu nkra sɛ, “Awurade, nea wodɔ no he yare.”


Nti Yudafoɔ he kaa sɛ, “Honhwɛ sɛnea na osi dɔ no fa!”


Ewom sɛ na Yesu dɔ Marta, ne ne nuabaa ne Lasaro deɛ,


na Simon Petro bɔɔ n’ani kyerɛɛ no sɛ, omisa onii korɔ a ɔɔka ne ho asɛm he.


Nti ɔpa tweree Yesu kokom bisaa no sɛ, “Awurade, ɔyɛ hwane a?”


Na Yesu huu ne maame ne suani a ɔdɔ no he sɛ ogyina ne maame nkyɛne he, ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ, “Baa, hwɛ, wo ba beema di.”


Nti ɔde mmirika kɔɔ Petro ne suani foforɔ a Awurade pɛ n’asɛm he nkyɛne kɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Bɛafa Awurade afiri nna he mu, na yennim baabi a bɛde no akɔto.”


Petro danee ne ho he, ohuu suani a Yesu dɔ no he sɛ odi n’akyi, nea na ɔtweree Yesu kokom adidie he ase a obisaa sɛ, “Awurade, hwane ne beyi wo ama he.”


Yei ne suani a oodi nnoɔma yi ho adanseɛ na watwerɛ yeinom, na yenim sɛ adanseɛ a odi he yɛ nɔkorɛ.


Na suani a Yesu dɔ no he ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Ɔyɛ Awurade!” Petro tee sɛ ɔyɛ Awurade he, ɔde n’ataadeɛ kyekyeree ne ho, efiri sɛ na ɔda adagya, na ohuri kɔhwee po he mu.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ