Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 13:1 - Apam Foforɔ

1 Na afei Twam afahyɛ he oobeduru he, na Yesu nim sɛ berɛ he aduru sɛ oobefiri wiase akɔ Agya he nkyɛne. Na ɔdɔɔ ɔnoaa ne deɛ a na bɛya wiase he, na ɔdɔɔ bɛ de kosii awieeɛ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 13:1
44 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na afei ɔbaa asuafoɔ he nkyɛne bɛka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Nti hogu so ɔɔda gye ho ahome? Hwɛ, berɛ he abɛne, sɛ bebeyi Nipa Ba he ahyɛ nnebɔnyɛfoɔ nsa.


na honkyerɛkyerɛ bɛ sɛ benni deɛ mahyɛ ho nyinaa so. Na hwɛ, me ne ho ya hɔ nna nyinaa de kosi wiase awieeɛ.”


Berɛ a na me ne ho ya asɔrefie hɔ daa he, hoantene ho nsa me so. Nso yei ne ho berɛ ne sum mu tumi.”


Berɛ a nna he ɔɔbɛne ama bɛafa Yesu akɔ soro he, ɔde sii n’ani so dendenndene sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem.


Saa berɛ he na Yudafoɔ Twam he abɛne, na nnipa bebree firi nkurase baa Yerusalem ansa na Twam afahyɛ he ooduru so sɛnea bebedwira bɛ ho.


Yesu buaa sɛ, “Berɛ he aduru sɛ bɛhyɛ Nipa Ba he animuonyam.


Esiane sɛ na Yuda ne kura bɛ sika adaka he nti, binom susuu sɛ na Yesu ɔɔka akyerɛ no sɛ, “Kɔtotɔ nnoɔma a yehia ma afahyɛ he” anaa ɔmfa bibi mma ahiafoɔ.


Na esiane sɛ na Yesu nim sɛ Agya he de nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nsa, na ofiri Nyankopɔn nkyɛne, na ɔɔkɔ Nyankopɔn hɔ nti,


Ahyɛdeɛ foforɔ ne mede ɔɔma ho sɛ, honnodɔ ho ho sɛnea medɔɔ ho he, saa ne ho nso honnodɔ ho ho ho ho.


Hoate sɛ meka kyerɛɛ ho sɛ, ‘Meekɔ na mɛba ho nkyɛne.’ Sɛ hodɔ me a nka ho ani bɛgye sɛ meekɔ Agya he nkyɛne efiri sɛ m’Agya he yɛ keseɛ kyɛne me.


nso meeyɔ sɛnea Agya he hyɛ me he, na wiase ahu sɛ me dɔ Agya he. Honsɔre ma yemfiri ha nkɔ.


Mefiri Agya he nkyɛne ne aba wiase. Afei deɛ meefiri wiase akɔ Agya he nkyɛne.”


Yesu kaa nsɛm yeinom wieeɛ he, ɔhwɛɛ soro kaa sɛ, “Agya, berɛ he anya aduru, hyɛ wo ba animuonyam na Ba he nso ahyɛ wo animuonyam


Bemfiri wiase sɛnea me nso memfiri wiase he.


Maada wo dini adi akyerɛ bɛ, na mɛda no adi akyerɛ, sɛ ɔbɛyɛ a dɔ a wode adɔ me he bɛtena bɛ mu, na matena bɛ mu.”


Na afei, Agya, fa animuonyam a na mewɔ no wo nkyɛne ansa na wiase ɔɔba he hyɛ me bio woaa wo nkyɛne.


Afei, Yesu a na onim nea ɔbɛto no nyinaa he, pinii anim na obisaa bɛ sɛ, “Hwane ne hoohwehwɛ no?”


Yei akyi a Yesu huu sɛ woanya awie nnoɔma nyinaa he (sɛnea ɔbɛyɛ na twerɛ he aba mu nti), ɔkaa sɛ, “Sukɔm de me.”


Yudafoɔ Twam Afahyɛ he bɛneeɛ he, Yesu kɔɔ Yerusalem.


Nti bɛhwehwɛɛ kwane a bɛbɛfa so akye no nso biaa amfa ne nsa anka no, efiri sɛ na berɛ he nnuruiɛ.


Nti Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Me berɛ nnuruiɛ, na ho deɛ, berɛ biaa yɛ ma ho.


Ɔkaa nsɛm yi berɛ a na ɔɔma nkyerɛkyerɛ ya asɔrefie sikakorabea hɔ; na biaa ankye no, efiri sɛ na ne mmerɛ nya nnuruiɛ.


Nso, yeinom nyinaa mu he yɛnam nea ɔdɔ yɛ he so adi nkunim.


Ɔno Nyankopɔn ankasa nso bɛhyɛ ho dene akosi awieeɛ, na ho ho amma asɛm Awurade Yesu Kristo da he.


Nso gye sɛ yɛsɔ ahotɔsoɔ a yedii kane nyaeɛ he mu pintinn kosi awieeɛ, ansa na yɛanya kyɛfa Yesu mu ankasa.


Nso Kristo deɛ, odii nɔkorɛ Nyankopɔn fie nyinaa so sɛ ba, na sɛ yɛsɔ nnamyɛ a yɛde kasa ne anidasoɔ a yɛde hoahoa yɛ ho he mu pintinn kosi awieeɛ a, ɔno ne ma yɛyɛ ne fiefoɔ.


Na yɛpɛ sɛ ho mu biaa da mmɔdemmɔ korɔ he adi sɛdeɛ ɔbɛyɛ a hobenya anidasoɔ mu ahotɔsoɔ akosi awieeɛ,


Nti honsi ho adwene pi, na homma ho ani nna hɔ. Honnyina yie, na homma ho ani nna adom a bɛde bɛma ho Yesu Kristo ba a ɔbɛba he mu he so.


Yɛdɔ, efiri sɛ, Nyankopɔn ne dii kane dɔɔ yɛ.


ne Yesu Kristo a ɔyɛ danseni nɔkwafoɔ ne wusɔreɛ mu dikanfoɔ ne asaase so ahene sodifoɔ he nkyɛne nka ho. Ɔno a ɔdɔ yɛ, na ɔnam ne mogyaa he so agye yɛ afiri yɛ bɔne mu he


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ