Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 12:5 - Apam Foforɔ

5 “Ɛɛne nti ne bɛantɔno saa ngo hwamhwam yi annye sika a ɔbɛyɛ afe baako akatua amfa amma ahiafoɔ?”

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 12:5
16 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Nso saa akoa korɔ heaa firii hɔ kɔeɛ he, ɔkɔtoo ne yɔnko akoa baako a ɔno nso de no ka bɛyɛ paani bosome mmeɛnsa ne fa akatua; na ɔtintim no sɔɔ ne mene, na ɔkaa sɛ, ‘Tua ka a wode me he.’


Ɔne bɛ dii ano maa osii sɛ obetua paani da korɔ akatua ama he, ɔmaa bɛkɔɔ ne bobe turo mu.


Hontɔno nnoɔma a howɔ na homfa nyɔ adɔeɛ. Honyɔ sika nkotokuo a ɔnsɛe mfa, na hompɛ agyapadeɛ a ɔya soro, baabi a akorɔmfoɔ ntumi nkowia na nwewemmoa nsɛe no,


Yesu tee yei he, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nso aka wo adeɛ baako: kɔtɔno nea wowɔ nyinaa na kyekyɛ ma ahiafoɔ, na wobenya agyapadeɛ soro; na bra bedi m’akyi.”


Sɛ ɔte saa a, mmɛ nti ne wohwɛ mfrɛ a ɔda wo nua ani so, na wunhu mpuna a ɔda w’ankasa w’ani so mmom?


Nso, Yuda Iskariot, asuafoɔ he mu baako a na oobeyi no ama he kaa sɛ,


(Nso ɔnyɛ sɛ ɔdwene ahiafoɔ ho nti ne ɔkaa saa, na mmom na ɔyɛ korɔmfoɔ, na sika adaka he ya ne nkyɛne, na ɔtaa yi sika a bɛde gu mu he bi.)


Esiane sɛ na Yuda ne kura bɛ sika adaka he nti, binom susuu sɛ na Yesu ɔɔka akyerɛ no sɛ, “Kɔtotɔ nnoɔma a yehia ma afahyɛ he” anaa ɔmfa bibi mma ahiafoɔ.


Filipo buaa sɛ, “Paanoo a ne boɔ bɛyɛ paani bosome nsia akatua mpo ɔnso bɛ sɛ bɛ mu biaa benya bi adi.”


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ