3 Na Maria faa ngo hwamhwam krɔgyee a na ne boɔ bɛyɛ nkariboɔ baako de bɛsraa Yesu nane ase, na ɔde ne tinwii popaeɛ. Na ne hwam hyɛɛ fie hɔ ma.
Nso, adeɛ baako pɛ ne hia. Maria deɛ, waayi nea ɔyɛ he, ɔno ne bɛnnye mfiri ne nsam.”
Woamfa ngo ansra me ti mu; nso baa yi de ngo hwamhwam asrasra me nane ho.
Lasaro a na ɔyare he yɛ Maria a ɔde ngo hwamhwam guu Awurade nane ase na ɔde ne tinwii popaeɛ he nua beema.
Ɔkaa yei wieeɛ he, Marta kɔfrɛɛ ne Maria kokoam ka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ he aba ha, na ɔɔfrɛ wo.”
Na Maria duruu baabi a na Yesu ya he na n’ani bɔɔ ne so he, obuu nkotodwe ne nane ase, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, sɛ na woya ha a, nka me nua beema yi anwu.”
Nikodemo a dabi ɔbaa Yesu nkyɛne anadwo he nso baeɛ, na ɔde korobo ne pɛprɛ mfrafrae a mu duru bɛyɛ nkariboɔ ha baeɛ.