Berɛ a Yesu ya Betania, Simon kwatani he fie he, na ɔte adidiiɛ he, baa bi de aduhwam a ne boɔ ɔdene a ogu kɔntoa mu baeɛ, na obie so hwiee aduhwam he guu Yesu ti mu.
Nhyira ne nkoa a bɛ wura he bɛba abehu bɛ sɛ begu so ɔɔwɛne! Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho sɛ, ɔbɛbɔ n’abɔsoɔ, na wama bɛatenatena didipono ho na waba abɛsom bɛ.
Na ɔka kyerɛɛ beema a ɔtoo nsa frɛɛ no he nso sɛ, “Sɛ woto pono, mfrɛ wo nnamfo anaa wo nuanom anaa w’abusuafoɔ anaa wo mfɛfoɔ adefoɔ nkoaa, ɔnam sɛ wodwene sɛ bɛ nso da bi bɛbɛto nsa afrɛ wo bɛ apontoɔ asɛ de atua wo ka nti.