10 Nti asɔfoɔ mpanyimfoɔ he bɔɔ pɔ sɛ bebeku Lasaro nso,
Na ɔka kyerɛɛ defoɔ he sɛ, ‘Sɛ bɛantie Mose ne adiyifoɔ he a, saa ne sɛ bi sɔre firi awufoɔ mu kɔ bɛ nkyɛne mpo a, bɛnnye no nni.’ ”
Na Herode huu sɛ nsoromma mu animdefoɔ he adaadaa no he, ne bo fuu kɛse paa, na ɔsoma maa bekokuu mmɔfra mmeema a benni mmoroo mfie mmienu nyinaa a bɛya Yerusalem ne ne mpɔtamu, sɛnea berɛ a ohu firii nsoromma mu animudefoɔ he hɔ kyerɛ he.
Na asɔfo mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ he ahyɛ sɛ, sɛ bi nim baabi a ɔya a, ɔmmɛkyerɛ, na bɛnkɔ kye no.
Na yei maa Farisifoɔ he firii adi kɔbɔɔ ne ti so pɔ, kwane a bɛbɛfa so aku no.
Na afei Yudafoɔ nnipakuo kɛseɛ bi huu sɛ ɔya hɔ, na bɛbaa hɔ. Ɔnyɛ Yesu nko nti, na mmom bɛbaa sɛ bɛɛbɛpɛ Lasaro a wanyane afiri wuom he ahwɛ.
efiri sɛ ɔno nti ne Yudafoɔ bebree kɔɔ hɔ na bɛgyee Yesu diiɛ.