1 Afei aka nnansia na Twam he aduru he, Yesu baa Betania, baabi a na Lasaro a Yesu nyane no firii awufoɔ mu he te he.
Na afei ogyaa bɛ hɔ, firii hɔ kɔɔ Betania, na ɔdaa hɔ anadwo he.
Na owuraa Yerusalem, na ɔkɔɔ asɔrefie hɔ; na ɔhwɛɛ nnoɔma a ɔya hɔ he nyinaa hyiaeɛ he, na adeɛ asa nti ɔne dummienu he kɔɔ Betania.
Na ɔde bɛ firii adi dii bɛ anim kɔɔ Betania, na ɔmaa ne nsa so hyiraa bɛ.
Na hwɛ, baa bi a benim no kuro he mu sɛ debɔneyɛni tee sɛ ɔte adidiiɛ Farisini he fie he ɔde kɔntoa a ngo hwamhwam gu mu baeɛ,
Afei na beema bi ya hɔ a ɔyare a bɛfrɛ no Lasaro a ofiri Betania, akura a na Maria ne ne nua baa Marta firi he.
Ɔkaa saa he, ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ, “Lasaro, firi bra!”
Afei beema a na wawu he firi baeɛ a na bɛde ntoma akyekyere ne nane ne ne nsa, na bɛde ntoma nteantea akyekyere n’anim. Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honsane no na homma no nkɔ.”
Saa berɛ he na Yudafoɔ Twam he abɛne, na nnipa bebree firi nkurase baa Yerusalem ansa na Twam afahyɛ he ooduru so sɛnea bebedwira bɛ ho.
Adeɛ kyeɛ he, nnipakuo pii a na bɛaba afahyɛ he asɛ he tee sɛ Yesu ɔɔba Yerusalem he,
Na Helafoɔ bi ka bɛ a bɛbaa sɛ bɛɛbɛsom afahyɛ he ase he ho.
Na afei Yudafoɔ nnipakuo kɛseɛ bi huu sɛ ɔya hɔ, na bɛbaa hɔ. Ɔnyɛ Yesu nko nti, na mmom bɛbaa sɛ bɛɛbɛpɛ Lasaro a wanyane afiri wuom he ahwɛ.