57 Na asɔfo mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ he ahyɛ sɛ, sɛ bi nim baabi a ɔya a, ɔmmɛkyerɛ, na bɛnkɔ kye no.
Na bɛbɔɔ mmɔdene sɛ bɛbɛkye no, nso ofiri bɛ nsa kɔeɛ.
nso bɛ mu bi kɔɔ Farisifoɔ he hɔ kɔkaa deɛ Yesu yɔeɛ he kyerɛɛ bɛ.
Nti asɔfo mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ he maa bekohyiaa abadwafoɔ he, na bɛkaa sɛ, “Mmɛ ne yɛbɛyɔ efiri sɛ nipa yi ɔɔyɔ nsɛnkyerɛnne pii?
Yei nti bɛsesaa aboɔ sɛ bɛɛbɛtoto abɔ no, nso Yesu de ne ho sieeɛ, na ofirii asɔrefie hɔ kɔeɛ.
Deɛ nti a n’awofoɔ kaa saa ne sɛ, na besuro Yudafoɔ he; efiri sɛ, na Yudafoɔ he apam dada sɛ, sɛ bi paem ka sɛ Yesu ne Kristo he a, bebetu no afiri hyiadane he mu.