Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 11:47 - Apam Foforɔ

47 Nti asɔfo mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ he maa bekohyiaa abadwafoɔ he, na bɛkaa sɛ, “Mmɛ ne yɛbɛyɔ efiri sɛ nipa yi ɔɔyɔ nsɛnkyerɛnne pii?

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 11:47
17 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Afei asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne nnipa he so mpanyimfoɔ he hyiaam sɔfo panyini a bɛfrɛ no Kaiafa fie hɔ,


Na me deɛ meeka akyerɛ ho sɛ, sɛ wo bo fu wo nua a, wobedi fɔ atemmuo mu; wodi wo nua atɛm sɛ nipahunu a wobedi fɔ mpanyimfoɔ atitire he asɛniiɛ; na sɛ woka sɛ, ‘Woyɛ kwasea’ a, wobedi fɔ akɔ gya a onnum da mu.


Na aka nnaanu na Twam ne Apiti afahyɛ he aduru. Na asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he ɔɔpɛ nyansa kwane bi afa so akye Yesu, na bɛaku no;


Na asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he nso ɔɔhwehwɛ kwane a bɛbɛfa so aku Yesu, efiri sɛ na besuro nkurofoɔ he.


Na asɔfo mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ he ahyɛ sɛ, sɛ bi nim baabi a ɔya a, ɔmmɛkyerɛ, na bɛnkɔ kye no.


Farisifoɔ he keka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, Honhu sɛ hontumi nyɔ no hwee. Hwɛ! Wiase atu di n’akyi.


Yesu yɔɔ yei Kana a ɔya Galilea. Yei ne nsɛnkyerɛnne a odi kane, na ɔdaa n’animuonyam adi; na n’asuafoɔ he gyee no diiɛ.


Na nnipakuo kɛseɛ kɔɔ so dii n’akyi, efiri sɛ behuu nsɛnkyerɛnne a na ɔɔyɔ ma ayarefoɔ.


Farisifoɔ he tee sɛ nnipakuo he oonwinwii keka yeinom fa ne ho, na Farisifoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ he somaa asɔrefie awɛmfoɔ sɛ bɛnkɔ kye no.


Nti awɛmfoɔ he sane kɔɔ asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ he hɔ, na bebisaa awɛmfoɔ he sɛ, “Mmɛ nti ne hoankye no?”


Na bɛtee yei he, bɛkɔɔ asɔredane he mu ahemakye, na bɛkɔɔ so kyerɛkyerɛeɛ. Na sɔfo panyini he ne bɛ a bɛka ne ho he beduruiɛ he, bɛfrɛɛ abadwakuo he ne Israel mpanyimfoɔ nyinaa behyiaeɛ, na bɛsoma ma bɛkɔɔ afiase hɔ sɛ bɛnkɔfa bɛ mmra.


Na afei bere a asɔrefie hwɛfoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ he tee nsɛm yi he, bɛ adwene mu yɛɛ bɛ kesenenee; na na bennim baabi a nsɛm yi bɛkɔ akowie.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ