34 Obisaa sɛ, “Hefa ne hode no toeɛ?” Bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, bra na bɛhwɛ.”
Onni ha, na wanyane sɛdeɛ ɔkaeɛ he. Hommra mmɛhwɛ baabi a na ɔda!
Nso Maria Magdalene ne Yose maame Maria kɔɔ so hwɛɛ faako a bɛde no toeɛ.
Nso ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hommma ho akoma ntu, hoohwehwɛ Nasareni Yesu nea bɛbɔɔ no asennua mu he. Wanyane, na onni ha. Hwɛ, baabi a bɛde no toeɛ.
Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hommra mmɛhwɛ.” Bɛba behuu baabi a na ɔte, na bɛ ne no tenaa hɔ saa da he. Na aabɔ bɛyɛ awia nɔnnan.
Yesu huu sɛ oosu he, na Yudafoɔ a bɛ ne no baeɛ nso beesu he, osii apinie ya ne honhom mu na ne ho nso yera no.
Yesu suiɛ.
Nti ɔde mmirika kɔɔ Petro ne suani foforɔ a Awurade pɛ n’asɛm he nkyɛne kɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Bɛafa Awurade afiri nna he mu, na yennim baabi a bɛde no akɔto.”