20 Afei Marta tee sɛ Yesu ɔɔba he, okohyiaa no; na Maria deɛ ɔtenaa fie.
Yesu kaa sɛ, “Afei nso soro ahennie he bɛyɛ sɛ mmabaa du bi a bɛfaa bɛ nkanea sɛ beekohyia ayefokunu.
Nso anadwo dasuom bɛtee nteamu, ‘Hwɛ, ayefokunu he di! Hommra mmehyia no.’
Nso saa berɛ he nyinaa na Yesu nnya nnuruu kuro he mu, na mmom na ɔda so ya baabi a Marta behyiaa no he.
Berɛ a Petro piee hɔ he, Konelio kohyiaa no hwee ne nane ase sɔree no.
Na agyidifoɔ tee yɛ nka he, befirii hɔ behyiaa yɛ Apia Dwa so ne bea bi a bɛfrɛ hɔ Nsadane-Mmeɛnsa, na Paulo ani bɔɔ bɛ so pɛ na ɔdaa Nyankopɔn ase na otwaa n’akoma too ne yam.
Afei yɛ a yɛte ase a yɛaka he, bɛbɛfa yɛ aka bɛ ho akɔ soro mununkum mu akohyia Awurade ya wiem; na saa ne yɛ ne Awurade bɛtena daa.