Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 11:2 - Apam Foforɔ

2 Lasaro a na ɔyare he yɛ Maria a ɔde ngo hwamhwam guu Awurade nane ase na ɔde ne tinwii popaeɛ he nua beema.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 11:2
11 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Berɛ a Yesu ya Betania, Simon kwatani he fie he, na ɔte adidiiɛ he, baa bi de aduhwam a ne boɔ ɔdene a ogu kɔntoa mu baeɛ, na obie so hwiee aduhwam he guu Yesu ti mu.


Berɛ a Awurade ani bɔɔ baa he so he, ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Gyae su.”


Nti Yohane frɛɛ n’asuafoɔ he mu mmienu somaa bɛ Awurade nkyɛne sɛ benkobisa no sɛ, “Nti wone nea ɔɔba he anaa yɛnhwɛ foforɔ kwane?”


Marta ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, sɛ na woya ha a, nka me nua beema yi anwu.


Nti ne nuamaanom too Yesu nkra sɛ, “Awurade, nea wodɔ no he yare.”


Na Maria duruu baabi a na Yesu ya he na n’ani bɔɔ ne so he, obuu nkotodwe ne nane ase, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, sɛ na woya ha a, nka me nua beema yi anwu.”


Na Maria faa ngo hwamhwam krɔgyee a na ne boɔ bɛyɛ nkariboɔ baako de bɛsraa Yesu nane ase, na ɔde ne tinwii popaeɛ. Na ne hwam hyɛɛ fie hɔ ma.


Hofrɛ me Kyerɛkyerɛfoɔ ne Awurade, na ɔyɛ ne kwane so sɛ hoka saa, efiri sɛ meyɛ saa.


Na sɛ me a meyɛ Awurade ne Kyerɛkyerɛfoɔ ahohoro ho nane ase a, hedeɛ na ɔsɛ sɛ ho nso ho mu biaa hohoro ne yɔnko nane ase.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ