Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 10:3 - Apam Foforɔ

3 Pono ano nwɛmfoɔ he bie no, na nnwane he tie ne nne. Na ɔbɔ ne nnwane he dini frɛ bɛ, na ɔde bɛ firi adi.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 10:3
32 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Mene dwanhwɛfoɔ pa he, menim me deɛ, na me deɛ nso nim me,


Mewɔ nnwane foforɔ a bemfiri bane yi mu. Ɔsɛ sɛ mede bɛ nso ba na bebetie me nne, na ayɛ kuo baako a ɔwɔ hwɛfoɔ baako.


Sɛ ɔde ne deɛ nyinaa firi adi a, odi bɛ anim ma bedi n’akyi efiri sɛ benim ne nne.


Mene pono he, biaa a ɔfa me so kɔ mu he, bɛbɛgye no nkwa, na ɔbɛba mu, na wafiri adi, na wanya adidibea.


Bibiaa a Agya he de bɛma me he bɛba me nkyɛne, na nea ɔba me nkyɛne he, mempam no da,


Bɛatwerɛ ya adiyifoɔ he mu sɛ, ‘Nyankopɔn bɛkyerɛkyerɛ bɛ nyinaa.’ Biaa a wate bibi afiri Agya he nkyɛne na wasua he ne ba me nkyɛne.


Na bɛ a oyii bɛ sii hɔ he, ɔfrɛɛ bɛ nso; na bɛ a ɔfrɛɛ bɛ he, buu bɛ bem nso; na bɛ a obuu bɛ bem he, hyɛɛ bɛ animuonyam nso.


efiri sɛ bɛabie pono kɛseɛ a mu adwuma bɛsõ aba ama me, nso bɛ a bɛasɔre atia dɔɔso.


Afei nso, mesrɛ wo, me yɔnko dwumayɔni, sɛ boa saa mmaa yi, na bɛaberɛ me ho asɛmpa adwuma he mu, bɛ ne Klemens ne me yɔnkonom adwumayɔfoɔ dodoɔ a bɛ dini ya nkwa nwoma mu he.


Na hommɔ mpaebɔ mma yɛ nso, sɛ Nyankopɔn bebie pono ama n’asɛm, sɛ yɛbɛka Kristo ho ahintasɛm a ɔno nti meda afiase he,


sɛ yei nyina mu he Nyankopɔn fapem da soaa gyina hɔ pintinn a ho ntwerɛeɛ ne sɛ: “Awurade nim ne deɛ,” ɔne, “ma nea ɔbɔ Awurade dini biaa ntwe ne ho mfiri amumuyɔ ho.”


Nyankopɔn daa no adi kyerɛɛ saa adiyifoɔ he sɛ, ɔnyɛ bɛ ho ne bɛsomeeɛ na mmom ho ne bɛde nnoɔma a asie na bɛɛka ho asɛm he ɔɔsom ho. Na akyire yiaa bɛada Asɛmpa he adi akyerɛ yɛ nyinaa. Saa Honhom Kronkron he a bɛsoma no firii soro he tumi so ne bɛnam kasa kyerɛɛ bɛ; saa tumi heaa so ne bɛnam kasa kyerɛɛ yɛ nso. Yeinom yɛ nnoɔma bi a abɔfoɔ mpo pɛɛ sɛ behu mu.


Nso yɛ deɛ, yefiri Nyankopɔn. Biaa a onim Nyankopɔn he tie yɛ. Na biaa a onnim Nyankopɔn he ntie yɛ. Yei mu ne yehu nɔkorɛ honhom ne atorɔ honhom.


Na mewɔ anidasoɔ sɛ ɔnkyɛre biaa mehu ho ne ho atena ase akasa.


Na biaa a bɛantwerɛ ne dini nkwa nwoma he mu he, bɛtoo no twenee gya tadeɛ he mu.


Hwɛ! Megyina pono he akyi ɔɔbɔ mu, sɛ bi te me nne na obie pono he a, mɛba mu na me ne no abedidi na ɔno nso ne me adidi.


efiri sɛ, Adwamaa he a ɔya ahennwa he mfinimfini he bɛyɛ bɛ dwanhwɛfoɔ de bɛ akɔ nkwa asuti ho. Na Nyankopɔn bɛpopa bɛ aniwa mu nisuo nyinaa.”


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ