12 Na nipa a bɛabɔ no paa sɛ ɔnhwɛ nnwane he, na nnwane he nyɛ ɔno ankasa ne deɛ he hu pataku sɛ ɔɔba a, ogya nnwane he hɔ dwane ma pataku he bɛkye bɛ, na wabɔ bɛ ahwete.
Na ɔsɛ sɛ asafo mu hwɛfoɔ yɛ bi a biaa onnya ne ho asɛm nka sɛ Nyankopɔn fie so hwɛsofoɔ. Ɔnsɛ sɛ ɔyɛ ahomasoɔ, bi a ne bo fu ntɛm, bi a ɔyɛ nsadweam, bi a ɔyɛ pupopupo anaa bi a ɔde adufudeɛ pɛ mfasoɔ;
Honyɛne nnwankuo a Nyankopɔn de bɛ ahyɛ ho nsa he, na honnyɔ no nhyɛ so, na mmom honyɔ no dɔ mu, sɛdeɛ Nyankopɔn pɛ; ɔnyɛ adufudepɛ nti, na mmom akoma pa mu.
Saa atorɔ adiyifoɔ yi nam bɛ adufudepɛ so bɛka nnaadaasɛm akyerɛ ho de apɛ ho ho mfasoɔ. Na bɛ deɛ bɛ atemmuo a ɔya hɔ firi teteete he ntwentwɛne ase, saa nso ne bɛ sɛefoɔ he nso gyina bɛ aboboa ano pɛɛ.