Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, nea ɔgye me di he, nnwuma a meyɔ he ɔno nso bɛyɔ bi, na ɔbɛyɔ nnwuma bebree asene yeinom, efiri sɛ, me deɛ meekɔ Agya he nkyɛne.
Nɔkwasɛm paa ne sɛ, woyɛ abranteɛ he na wode abɔsoɔ bɔ wo mu nante kɔ baabiaa a w’ankasa wopɛ. Nso sɛ wobɔ akɔkora a, wobɛtene wo nsa na bi de abɔsoɔ abɔ wo mu, na ɔde wo akɔ baabi a wompɛ sɛ wokɔ.
Yesu buaa bɛ sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, Ba he ankasa ntumi mmɔ ne ti mu nyɔ hwee, gye sɛ nea ohu sɛ Agya he yɔ, efiri sɛ bibiaa Agya he yɔ he, ɔno ne Ba he nso yɔ.
Na Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, ɔnyɛ Mose ne maa ho paanoo a ofiri soro he, na mmom m’Agya ne maa ho paanoo kann a ofiri soro he.
na ohuu sɛ soro abie na adeɛ bi a ɔte sɛ nwera ntoma kɛseɛ bi oosiane firi soro ɔɔba asaase so te sɛ nea nnipa binom kitakita anoano nnan he na beegyaagyaa mu.
Akyinnye nni ho sɛ yɛ som yi mu ahintasɛm he so: Beyii no kyerɛ honam mu, bebuu no bem honhom mu, abɔfoɔ huu no, bɛpaee mu ka ne ho asɛm amanamane mu, bɛgyee no diiɛ wiase, bɛfaa no kɔ soro animuonyam mu.
Yei akyi he, mehwɛeɛ, na hwɛ, mehuu soro pono sɛ abie. Na nne bi teaam sɛ totorobɛnto a mate sɛ bi akasa akyerɛ me pɛn he; na ɔkaa sɛ, “Bra soro ha, na mɛkyerɛ wo nea ɔbɛba yei akyi.”