Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 1:4 - Apam Foforɔ

4 Ne mu ne nkwa ya, na nkwa he ne nnipa hann.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 1:4
30 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

nkurofoɔ a na bɛte sum mu he bɛahu hann kɛseɛ, na bɛ a bɛte sum mu he, bɛahu hann kɛseɛ bi; na bɛ a bɛte wuo sunsum asaase so he, hann apie bɛ so.”


kanea a wonam so beyi nea ɔkata Amanamane he so na ama ahyɛ wo mane Israel animuonyam.”


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ne wusɔreɛ ne nkwa. Bɛ a bɛgye me di he, bewu mpo a bebenya nkwa.


Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hann he bɛtena ho nkyɛne kakra. Howɔ hann he, honante na sum anni ho so. Na deɛ ɔnante sum mu he nnim baabi a meekɔ.


Maaba wiase sɛ hann, na biaa a ɔgye me di he antena sum mu.


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene kwane he, nɔkorɛ he ne nkwa he, bi nkɔ Agya he nkyɛne gye sɛ ɔfa me so.


Na yei ne atemmuo he, sɛ hann he aba wiase na nnipa dɔ sum kyɛne hann he, efiri sɛ bɛ nnwuma yɛ bɔne.


Na sɛnea Agya he nyane awufoɔ na ɔma bɛ nkwa he, saa ne Ba he nso de nkwa ma bɛ a ɔno ankasa pɛ.


Na sɛnea Agya he wɔ nkwa ɔnoaa ne mu he, saa na ɔde ama Ba he nso sɛ onya nkwa ɔno ankasa ne mu.


Na Yesu ka kyerɛɛ bɛ bio sɛ, “Mene wiase hann. Nea odi m’akyi he nnante sum mu da, na obenya nkwa hann he.”


Berɛ a meya wiase yi, mene wiase hann.”


sɛ Kristo he behu amane, na esiane sɛ bɛadi kane anyane no afiri awufoɔ mu nti, wabɔ hann ho dawuro akyerɛ, nkurofoɔ yi ne Amanamane he.”


Bɛatwerɛ sɛ, “Nnipa a odi kane, Adam, bɛyɛɛ kra teasefoɔ”; na Adam a otwa toɔ deɛ, ɔbɛyɛɛ honhom a ma nkwa.


Nti ne Twerɛ he ka sɛ, “Wo a wada, nyane! Sɔre firi awufoɔ mu, na Kristo bɛhyerɛn ama wo.”


Sɛ Kristo a ɔyɛ yɛ nkwa he yi ne ho adi a, bebeyi ho ne no nso adi animuonyam mu.


Nea na ɔya hɔ firi mfitiaseɛ, nea yɛate, nea yɛde yɛ ani ahu, nea yɛhwɛɛ no yie na yɛde yɛ nsa kaeɛ a ɔfa nkwa asɛm he ho he,


ampa, nkwa he daa ne ho adi kyerɛɛ yɛ, na yɛahu a yeedi ho adanseɛ, na yɛɛka daa nkwa a ɔya Agya he nkyɛne a bɛdaa no adi kyerɛɛ yɛ he ho asɛm akyerɛ ho,


Yei ne adanseɛ he: Nyankopɔn ama yɛ nkwa a onni awieeɛ; na saa nkwa he ya ne Ba he mu.


Afei bɔfoɔ he kyerɛɛ me nkwa asubɔntene a ani te krɔgyee sɛ ahwehwɛ a ofiri Nyankopɔn ne Dwammaa he ahennwa so


“Me, Yesu, ne masoma me bɔfoɔ sɛ ɔmmɛbɔ ho saa nwoma yi nyinaa ho amanneɛ ya asafo mu. Mene Dawid nhini ne n’aseni, mene anɔpa nsoromma a ɔhyerɛn he.”


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ