Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 1:14 - Apam Foforɔ

14 Na Asɛm he bɛyɛɛ honam bɛtenaa yɛ mu, na yɛahu n’animuonyam sɛ Agya he Ba a ɔwoo no koro maa yɛ, adom ne nɔkorɛ ahyɛ no ma.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 1:14
60 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

na Yakob woo Yosef, Maria kunu he. Saa Maria yi ne woo Yesu a bɛfrɛ no Kristo he.


efiri sɛ bɛawo Agyenkwa a ɔne Awurade Kristo he ama ho nnɛ Dawid kurom.


Na ɔwoo n’abakane beema, na ɔde ntoma kyekyeree ne ho de no too mmoa adididaka mu, efiri sɛ bɛannya kwane ahɔhodane he mu.


Na aaka Petro ne bɛ a bɛka ne ho he; na berɛ a bɛ ani so tetee bɛ he, behuu n’animuonyam he ne mmeema mmienu a bɛ ne no gyina hɔ he.


Mfitiaseɛ he na Asɛm he ya hɔ, na Asɛm he ne Nyankopɔn ne bɛya hɔ, na Asɛm he ankasa nso yɛ Nyankopɔn.


Yesu bisaa no sɛ, “Menka nkyerɛɛ wo sɛ, sɛ wogye di a, hobehu Nyankopɔn animuonyam?”


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene kwane he, nɔkorɛ he ne nkwa he, bi nkɔ Agya he nkyɛne gye sɛ ɔfa me so.


Yesu bisaa no sɛ, “Filipo, me ne hoya hɔ dadaada yi, honhuu me anaa? Biaa a w’ahu me he ahu Agya he nso. Afei mmɛ nti ne wooka sɛ, ‘Kyerɛ yɛ Agya he’?


Animuonyam a wode maa me he mede ama bɛ, sɛ ɔbɛyɛ na bɛbɛyɛ baako sɛnea yɛyɛ baako he.


Agya mepɛ sɛ bɛ a wode bɛ ama me he ba baabi a meya he. Bɛmmɛka me ho na benhu m’animuonyam a wode ama me he, efiri sɛ wodɔɔ me ansa na wohyɛɛ wiase fapem ase.


Pilato bisaa no sɛ, “Nti woyɛ hene?” Yesu buaa sɛ, “Wone wooka sɛ meyɛ hene. Me deɛ yei nti ne bɛwoo me, na mebaa wiase sɛ meebedi nɔkorɛ he ho adanseɛ. Biaa a ofiri nɔkorɛ he tie me nne.”


Yesu yɔɔ yei Kana a ɔya Galilea. Yei ne nsɛnkyerɛnne a odi kane, na ɔdaa n’animuonyam adi; na n’asuafoɔ he gyee no diiɛ.


Na sɛnea Nyankopɔn dɔɔ wiase di, sɛ ɔde ne Ba ɔwoo no koro he maeɛ, na biaa a ɔbɛgye no adi he anyera, na mmom wanya daa nkwa.


Nea ɔgye Nyankopɔn Ba he di he, bemmu no atɛne, na nea ɔnnye no nni he, bɛabu no atɛne dada efiri sɛ wannye Nyankopɔn Ba koro pɛ he anni.


Mene paanoo a nkwa yam a mesiane firi soro baeɛ he, sɛ bi di paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na paanoo a mede bɛma wiase nkwa he ne me honam.”


na hobehu nɔkorɛ he, na nɔkorɛ he ama ho ayɛ adehyeɛ.”


sɛ Nyankopɔn ama aba mu koraa ama yɛ a yɛyɛ bɛ mma he, efiri sɛ wanyane Yesu, sɛnea bɛatwerɛ ya Dwom a ɔtɔ so mmienu he mu sɛ, ‘Woyɛ me ba, nnɛ maayɛ w’Agya.’


Na Nyankopɔn ayɔ nea mmara he antumi anyɔ, ɔne sɛ ɔnam honam mmerɛyɛ nti ɔsomaa ɔnoaa ne Ba, honam subane mu maa no bɛyɛɛ nipa te sɛ yɛ nnipa adebɔneyɛfoɔ yi sɛ ɔne bɔne nni asie, na odii bɔne so nkunim honam mu,


bɛyɛ tete agyanom asefoɔ, na ofiri bɛ abusua mu ne Kristo he baa honam fam. Nhyira nka Nyankopɔn a ɔyɛ adeɛ nyinaa sodifoɔ daa. Amen.


Nipa a odi kane he firi fam, ɔyɛ famni, nipa a ɔtɔ so mmienu he firi soro


nso ɔka kyerɛɛ me sɛ, “M’adom dɔɔso ma wo, na metumi wie pɛyɛ ya mmerɛyɛ mu.” Nti mede anigyeɛ bebree bɛhoahoa me ho mmom, na Kristo ahoɔdene abɛtena me so.


Nso berɛ a bɛahyɛ ato hɔ he soeɛ he, Nyankopɔn somaa ne Ba a baa woo no, na bɛwoo no mmara he ase,


Ewom sɛ me ne ahoteefoɔ he nyinaa mu kumaa koraa, nso bɛde adom yi maa me sɛ memfa so nna asɛm a ɔyɛ Kristo ahonya mu a onni hwehwɛbea he adi nkyerɛ amanamane mufoɔ.


Efiri sɛ ɔsɔɔ Nyankopɔn ani sɛ Nyamesu nyinaa ntena Kristo mu,


Ɔyɛ Kristo mu ne nyansa ne nimdeɛ ho nnepa nyinaa ahinta.


na Kristo mu ne nyame su nyinaa da adi nipadua mu,


Akyinnye nni ho sɛ yɛ som yi mu ahintasɛm he so: Beyii no kyerɛ honam mu, bebuu no bem honhom mu, abɔfoɔ huu no, bɛpaee mu ka ne ho asɛm amanamane mu, bɛgyee no diiɛ wiase, bɛfaa no kɔ soro animuonyam mu.


Ɔno ankasa ne da Nyankopɔn animuonyam a ɔhyerɛn he adi na ɔyɛ Nyankopɔn su nsɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔnam n’asɛm a tumi yam so kita nnoɔma nyinaa mu. Na odwiraa yɛ bɔne wieeɛ he, ɔkɔtenaa deɛ ɔwɔ tumi boro tumi nyinaa so, na ɔya soro soro he nifa.


Na abɔfoɔ he mu hwane ne Nyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Wone me Ba; nnɛ ne mayi wo sononko’”? Anaa bio, “Mɛyɛ n’Agya, na wayɛ me ba”?


Nti, berɛ a Kristo baa wiase he, ɔkaa sɛ, “Woampɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ, na mmom nipadua ne woasiesie ama me;


Na deɛ ɔte bi ho ne bɛ a bɛate bɛ ho he nyinaa wɔ abɔseɛ korɔ. Ne saa nti Yesu amfɛre sɛ ɔbɛfrɛ bɛ sɛ ne nuanom,


Saa nso ne Kristo amfa anidie ama ne ho sɛ sɔfopanyini, na mmom deɛ ɔfrɛɛ no he ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne me Ba, Nnɛ maayi wo kwane sononko so”;


Yɛahu, na yedi adanseɛ sɛ Agya he somaa ne Ba ma ɔbɛyɛɛ wiase Agyenkwa.


Kwane a Nyankopɔn nam so daa ne dɔ adi kyerɛɛ yɛ ne sɛ: Ɔsomaa ne Ba koro he baa wiase, sɛnea yɛbɛfa ne so anya nkwa.


Na nnaadaafoɔ bebree aba wiase, nipa a bɛmpae mu nka sɛ Yesu Kristo baa honam mu. Nipa biaa a ɔte saa he yɛ daadaafoɔ he ne nea ɔko tia Kristo he.


Na bɛde n’ataadeɛ a ɔhyɛ he anu mogyaa mu. Dini a bɛde frɛ no ne “Nyankopɔn Asɛm.”


Na metee nne dendene bi firi ahennwa he so sɛ: “Hwɛ! Nyankopɔn ntomadane ya nnipa mu. Ɔne bɛ bɛtena na bɛayɛ ne mane. Na Nyankopɔn he ankasa ne bɛ bɛtena


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ