11 Ɔbaa ɔno ankasa ne deɛ mu, nso ne deɛ annye no antom.
Na obuaa sɛ, “Bɛansoma me baabiaa sɛ Israel mu nnwane a bɛayera he hɔ.”
Nso na ne manfoɔ he tane no na betuu abɔfoɔ kɔkaa sɛ, ‘Yɛmpɛ sɛ beema yi di yɛ so hene.’
Na ɔya wiase deɛ, na ɔnam ne so ne bɛbɔɔ wiase, nso wiase anhu no.
Na dodoɔ a bɛgyee no he―meekyerɛ, bɛ a bɛgyee no dini diiɛ he―ɔmaa bɛ akwannya sɛ bɛnyɛ Nyankopɔn mma.
Afei ɔka kyerɛɛ suani he sɛ, “Hwɛ, wo nso wo maame di.” Na efiri saa berɛ he suani he de Maria kɔɔ ɔno ankasa ne fie.
Odi nea wahu na wate ho adanseɛ, nso biaa nnye n’adanseɛ he ntom.
“Me nuanom, Abraham asefoɔ ne bɛ a besuro Nyankopɔn, yɛ ne bɛde nkwagyeɛ yi ho asɛm abra yɛ.
Na afei Paulo ne Barnaba kasaa akokoɔduro so sɛ, “Na ohia sɛ yɛka Nyankopɔn asɛm kyerɛ ho kane. Na ɔnam sɛ hoapo asɛm he na hobu ho ho sɛ homfata daa nkwa he nti, yɛde asɛm he ɔɔkɔ Amanamane mufoɔ hɔ.
na yɛ ne bɛ dii nkra. Afei yɛkɔforoo kodoɔ he, na bɛsane kɔɔ fie.
Na meeka kyerɛ ho sɛ Kristo gyina Nyankopɔn nɔkorɛ so ayɛ akoa ama twetiatwafoɔ sɛnea ɔbɛyɛ a ɔbɛhyɛ bɔhyɛ a bɛde maa nananom he dene,
Meeka Kristo mu nɔkorɛ, meenni torɔ; Honhom Kronkron nam m’ahonim so di adanseɛ.
bɛyɛ tete agyanom asefoɔ, na ofiri bɛ abusua mu ne Kristo he baa honam fam. Nhyira nka Nyankopɔn a ɔyɛ adeɛ nyinaa sodifoɔ daa. Amen.
Nso berɛ a bɛahyɛ ato hɔ he soeɛ he, Nyankopɔn somaa ne Ba a baa woo no, na bɛwoo no mmara he ase,