Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 1:10 - Apam Foforɔ

10 Na ɔya wiase deɛ, na ɔnam ne so ne bɛbɔɔ wiase, nso wiase anhu no.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 1:10
23 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

M’Agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na biaa nnim Ba he, gye Agya he; na biaa nnim Agya he nso, gye Ba he ne biaa a Ba he pɛ sɛ ɔbɛma n’ahu no.


Ɔbaa ɔno ankasa ne deɛ mu, nso ne deɛ annye no antom.


Biaa nni hɔ a wahu Nyankopɔn da. Nyankopɔn a ɔyɛ Ba koro he, nea ɔya Agya he kokom he, ɔno ne wada no adi.


Nnoɔma nyinaa nam ne so ne baeɛ, na bɛankwati no annyɔ bibiaa a bɛyɔeɛ.


Na hann he hyerɛn sum mu, na sum he ntumi mmunkam mfa ne so.


“Oo! Agya Teneneeni, wiase nnim wo, nso menim wo, na yeinom nim sɛ woasoma me.


Na Yesu buaa bɛ sɛ, “M’Agya gu so ɔɔyɔ adwuma besi sesɛɛ, na me nso meeyɔ adwuma.”


nso ɔnam ne nnwuma pa so ma nsuo tɔ firi soro ma ho, ɔma nnɔbaeɛ ba ne berɛ mu, ɔma ho aduane ne anigyeɛ ma ho bo tɔ ho yam, na ɔnam so ada ne ho adi sɛ ɔyɛ Nyankopɔn.”


Na esiane sɛ, Nyankopɔn nyansa mu he wamma nnipa amfa wiase nyansa so anhu no nti, ɔsɔɔ n’ani sɛ ɔbɛfa asɛnka he nkwaseasɛm so agye bɛ a bɛgye di he nkwa.


Wiase yi anyansafoɔ biaa ante yei ase; sɛ bɛtee aseɛ a, nka bɛammɔ animuonyam Wura he asennua mu.


nso yɛ deɛ, Nyankopɔn baako pɛ ne yenim sɛ ɔya hɔ, ɔno ne Agya he a nnoɔma nyinaa firi ne mu na ɔnam ɔno nti yɛ ya hɔ; saa ara nso ne yɛwɔ Awurade baako, Yesu Kristo a nnoɔma nyinaa nam ne so ba, na yɛ te ase ne mu he.


efiri sɛ ɔnam ne so ne bɛbɔɔ nnoɔma nyinaa, deɛ ɔya soro ne deɛ ɔya asaase so, nnoɔma a yehu ne nnoɔma a yenhu, sɛ nhennwa oo, wuradie oo mpanyinnie oo, tumidie oo, bɛnam ne so ne bɔɔ ne nyinaa, na bɛbɔɔ ne nyinaa maa no.


Gyidie ne ma yɛ te aseɛ sɛ Nyankopɔn nam n’asɛm so ne bɔɔ nnoɔma nyinaa, na nnoɔma yehu yi firi deɛ onni hɔ mu ne baeɛ.


Honhwɛ dɔ mmorosoɔ a Agya he de adɔ yɛ, sɛ bɛmfrɛ yɛ Nyankopɔn mma. Na yɛyɛ ne mma nso. Deɛ nti a wiase nnim yɛ he ne sɛ onnim no.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ