Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yakobo 5:7 - Apam Foforɔ

7 Nti adɔfonom, honto ho bo ase nkosi sɛ Awurade bɛba. Kuani a ɔhwɛ ne nnɔbae a ofiri asaase mu ba kwane he nya ntoboaseɛ kosi sɛ obenya sukane ne berempɔnsuo.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yakobo 5:7
32 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

“Na Nipa Ba he de n’abɔfoɔ bɛba n’Agya animuonyam mu, na obetua nipa biaa ka sɛdeɛ n’adwuma teɛ.


Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, binom gyina ha a, bennwu kosi sɛ bebehu sɛ Nipa Ba he firi n’ahennie mu ɔɔba.”


Na sɛdeɛ anyinam pae firi apieɛ kɔ atɔeɛ he, saa ne ɔbɛyɛ Nipa Ba he maeɛ mu.


Nti ho nso honna ho ho so, efiri sɛ dɔnhwere a ho ani nna so mu na Nipa Ba he bɛba.


Meeka akyerɛ ho sɛ, obebu atɛntenenee ama bɛ ntɛm so. Nso sɛ Nipa Ba he ba a, obehu gyidie ankasa asaase so anaa?”


Na afei hobehu sɛ Nipa Ba he nam mununkum mu de tumi ne animuonyam kɛseɛ ɔɔba.


Nea oguu asaase pa mu he, yɛ bɛ a bɛde akoma pa tie asɛm he wie a, bekura mu na bɛde boasetɔ so aba.


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ ɔyɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ mɛba a, ɔfa wo ho bɛ?” Wo deɛ, kɔ soaa na di m’akyi.


Nti asɛm yi trɛɛ anuanom he mu sɛ saa suani he onwu; nso Yesu anka sɛ suani he onwu, na mmom ɔkaa sɛ, “Sɛ mepɛ sɛ ɔbɛtena hɔ akosi sɛ mɛba a, ɔfa wo ho bɛ?”


Efiri sɛ nea bɛtwerɛɛ no kane nna he mu he bɛtwerɛɛ sɛ ɔnyɛ nkyerɛkyerɛ mma yɛ, sɛnea ɔbɛyɛ a ɔnam twerɛsɛm he so bɛma yɛ boasetɔ ne awerekyekyerɛ ama yɛaya anidasoɔ.


bɛ a bɛde ntoboaseɛ yɔ papa hwehwɛ animuonyam ne anidie ne nea ɔmporɔ he, ɔbɛma bɛ daa nkwa;


na amma adom akyɛdeɛ biaa ammɔ ho berɛ a hootwɛne yɛ Awurade Yesu Kristo adiyie he dendenndene yi.


Na yɛ deɛ, yɛnam Honhom he so ɔɔtwɛne tenenee anidasoɔ a ogyina gyidie so he dendenndene.


Nti hommma yɛmmerɛ papayɔ mu, na sɛ yɛampa aba a, yɛbɛtwa so aba ne berɛ mu.


Na ahoɔdene a ofiri n’animuonyam tumi nyinaa mu mma honyɛ dene, na ama hoanya boasetɔ ne abodwokyɛre nnoɔma nyinaa mu, ya anigyeɛ mu,


kae ho gyidie ne ho dɔ nnwuma ne ho anidasoɔ ho nsiyɛ a ɔya yɛ Awurade Yesu Kristo mu, ya yɛ Agya Nyankopɔn anim.


Na hwane ne yɛ anidasoɔ anaa anigyeɛ anaa ahohoahoa abotire yɛ Awurade Yesu Kristo anim ya ne ba he mu, ho nso, honni mu bi anaa?


Na ɔnhyɛ ho akoma dene kronkronyɛ mapa mu sɛ ho ho mma asɛm yɛ Nyankopɔn ne Agya he anim ya Awurade Yesu, ne ahoteefoɔ mmaeɛ he mu.


Nti Abraham de ntoboaseɛ twene saa he, bɔhyɛ he baa mu maa no.


Anuanom, honnnka nsɛmmɔne ntia ho ho. Nipa biaa a ɔka asɛmmɔne tia bi he anaa obu bi atɛne he, ɔka asɛmmɔne tia mmara he na obu mmara he atɛne; nso sɛ wobu mmara he atɛne a, wonyɛ mmara he sodifoɔ, na mmom, woyɛ temmufoɔ.


Adɔfonom, homma adiyifoɔ a bɛkasaa Awurade dini mu he nyɛ nhwɛsoɔ ma ho ya amanehunu ne boasetɔ ho.


Ho sikakɔkɔɔ ne dwetɛ awe naakyee, na ne naakyee he bedi adanseɛ atia ho, na obɛhye ho honam sɛ gya. Hoahyehyɛ agyapadeɛ ama nna a odi akyire yi.


abɛka sɛ, “Ɔhyɛɛ ho bɔ sɛ ɔbɛba. Wanka saa? Na afei ɔya he? Yɛ nananom awuwu dadaada, nso bibiaa te sɛ nea ɔte firii adebɔ mfitiaseɛ!”


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ