Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yakobo 5:11 - Apam Foforɔ

11 Nɔkwasɛm ne sɛ, yebu bɛ a behuu amane, too bɛ bo ase ya amanehunu mu he sɛ bɛwɔ anigyeɛ amapa. Hoate Hiob amanehunu mu boasetɔ ho asɛm, na hoahu Awurade botae, sɛdeɛ ɔyɛ ayamyefoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ he.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yakobo 5:11
53 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

na me dini nti nnipa nyinaa bɛtane ho. Na nea obegyina akosi awieeɛ he, ɔno ne bɛbɛgye no nkwa.


efiri awoɔ ntoatoasoɔ so kosi awoɔ ntoatoasoɔ so he, ohu bɛ a besuro no he mmɔbɔ.


Na biaa a obisa he onya, na biaa a ɔhwehwɛ he ohu, na biaa a obom he bebebie no.


Nti honhu biaa mmɔbɔ sɛnea ho Agya hu biaa mmɔbɔ he.


Anaa wobu N’ayamyɛ pii a ɔno ne boasetɔ ne n’abodwokyɛre he animtia? Wonnim sɛ Nyankopɔn ayamyɛ botae ne sɛ ɔde wo bɛkɔ adwensakram?


na ayɛ ayeyie ama animuonyam adom a ɔde nam ne Dɔba he so akyɛ yɛ kwa.


Nso Nyankopɔn a, ne mmɔborɔhunu dɔɔso he, firi ne dɔ kɛseɛ a ɔde dɔɔ yɛ he mu,


Nso yɛ deɛ, yɛnnka bɛ a bɛtwe bɛ ho sane akyi na bɛayera he ho, na mmom yɛka bɛ a bɛwɔ gyidie na bɛanya nkwa he ho.


Nso gye sɛ yɛsɔ ahotɔsoɔ a yedii kane nyaeɛ he mu pintinn kosi awieeɛ, ansa na yɛanya kyɛfa Yesu mu ankasa.


Nso Kristo deɛ, odii nɔkorɛ Nyankopɔn fie nyinaa so sɛ ba, na sɛ yɛsɔ nnamyɛ a yɛde kasa ne anidasoɔ a yɛde hoahoa yɛ ho he mu pintinn kosi awieeɛ a, ɔno ne ma yɛyɛ ne fiefoɔ.


Nhyira ne nipa a ɔto ne bo ase sɔhwɛ mu. Na sɛ otumi gyina sɔhwɛ berɛ he mu a, obenya nkwa abotire a Awurade ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma bɛ a bɛdɔ no he.


Me nuanom, sɛ hohyia sɔhwɛ ahodoɔ biaa a, hommu no anigyeɛ,


Nti honsi ho adwene pi, na homma ho ani nna hɔ. Honnyina yie, na homma ho ani nna adom a bɛde bɛma ho Yesu Kristo ba a ɔbɛba he mu he so.


Na sɛ tenenee nti hohu amane mpo a, hoyɛ nhyira. Honnsuro nnipa, na hommma hwee nnha ho.


hedeɛ na Awurade nim kwane a ɔbɛfa so agye n’akyidifoɔ afiri haw mu, na wama bɛatwe bɛ a bɛntene aso de akosi atemmuo da he,


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ