Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yakobo 4:8 - Apam Foforɔ

8 Hommɛne Nyankopɔn na ɔno nso bɛtwe abɛne ho. Honhohoro ho nsa, na homma ho akoma mu nte, ho nnebɔnyɛfoɔ a ho adwene yɛ ntanta.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yakobo 4:8
44 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

“Homma dua he nyɛ dua pa, na n’aba nso ayɛ aba pa; na sɛ homma dua he nyɛ dua bɔne n’aba nso yɛ aba bɔne; na dua he aba ne yɛde hu dua korɔ a ɔyɛ.


“Mmɛ nti ne w’asuafoɔ he bu mpanyimfoɔ atetesɛm so yi? Bɛnnhohoro bɛ nsa ansa na bɛadidi.”


Nti Pilato huu sɛ ontumi nyɔ bibiaa bio, na afei basabasa bi ɔɔhyɛ aseɛ he, ɔfaa nsuo bi hohoro ne nsa nipakuo he anim, kaa sɛ, “Menni beema yi mogyaa ho fɔ; honyɔ deɛ hopɛ.”


Wamma nsonsonoeɛ amma yɛ ne bɛ ntam, na mmom ɔnam bɛ gyidie so tee bɛ akoma ho.


Ɔnam sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfoɔ, homma yɛnhohoro yɛ ho mfiri honam ne honhom fi nyinaa ho, na yɛ kronkronyɛ awie mu die Nyankopɔn suro mu.


Nti mepɛ sɛ, berɛ biaa a hobehyia asom he, mmeema mmɔ mpaeɛ, mma nsa kronkron so a abufuo ne akyinnye nnim;


homma yɛmfa akoma a mu yɛ fann a gyidie mu ahotɔsoɔ ahyɛ no ma, akoma a bɛapete ho ate ho afiri ahonim bɔne ho ne yɛ nipadua a bɛde nsuo a ho te adware he ntwe mmɛne no.


(efiri sɛ mmara he amma bibiaa anwie pɛyɛ); na mmom, anidasoɔ a ɔyɛ kyɛne yei so na yɛnam bɛne Nyankopɔn.


efiri sɛ, nipa a n’adwene yɛ no ntanta he hinhim n’akwane nyinaa mu.


Na nyansa a ofiri soro he deɛ, deɛ odi kane ne sɛ, ho te, na afei ɔpɛ asomdwie, ɔdwo, ɔwɔ asoɔmmerɛ, ɔwɔ nteaseɛ; ahummɔborɔ ne aba pa ahyɛ no ma, a ɔnyɛ nyiyimu anaa nyaatwom kwane biaa so.


Afei a hoayɔ setie ama nɔkorɛ he de adwira ho kra ho ama hoanya nuadɔ a nyaatwom nni mu he, homfiri ho akoma nyinaa mu nnodɔ ho ho.


Ɔno na afei ne nsɛso a ɔno ne asubɔ he, gye ho nso nkwa, a ɔnyɛ honam ho fi yi mu, na mmom ɔyɛ ahonim pa ho adebisa a Yesu Kristo wusɔreɛ nti yɛnam so yɛ Nyankopɔn deɛ.


Na biaa a ɔwɔ saa anidasoɔ yi ne mu he te ne ho, sɛnea ɔno nso ho te he.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ