Na amumuyɔ: bɔne, anibereɛ ne nitane nyinaa bi hyɛɛ bɛ ma. Bɔne bi te sɛ: ahoɔyeyaa, awudie, apereapereɛ, ntɔkwa, torɔ, nnaadaa ne nkontompo hyɛɛ bɛ ma, bɛyɛɛ nsekurofoɔ,
Mmɛ ne abosom wɔ yɔ ne Nyankopɔn asɔrefie? Na yɛyɛ Nyankopɔn Teasefoɔ he asɔredane; sɛnea Nyankopɔn kaeɛ he, Mɛtena bɛ mu na mɛnante bɛ mu, na mɛyɛ bɛ Nyankopɔn, na bɛbɛyɛ me nkurofoɔ.
Na ɔnam sɛ twerɛsɛm he hu sieeɛ sɛ ɔnam gyidie so ne Nyankopɔn bebu Amanamane mufoɔ bem nti, ɔkaa asɛmpa he ho asɛm kyerɛɛ Abraham sɛ, “Wo mu ne bebehyira Amanamane mufoɔ nyinaa,” ansa na asɛmpa he ɔɔba.
efiri sɛ, berɛ bi a atwam a na yɛ nso yennim nyansa, na yɛyɛ asoɔdenfoɔ, na yɛamane afiri kwane pa he so, na yɛyɛ nkoa ma akɔnnɔ ahodoɔ ne anigyedeɛ he, yɛde nitane ne ahoɔyeya ne bɔɔ yɛ bra, a na yɛ ho yɛ ahi, tentanee yɛ ho yɛ ho.