Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yakobo 3:2 - Apam Foforɔ

2 na yɛ nyinaa yɔ mfomsoɔ bebree. Nipa biaa a ɔnyɔ mfomsoɔ kasa mu he yɛ pɛ, na otumi to nipadua he nyinaa nnareka.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yakobo 3:2
29 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Nankatia mma! Ɔbɛ yɛ dɛ na hoaka nsɛm pa, berɛ a hoyɛ abɔnefoɔ? Nea abu so akoma mu he ne ano ka.


efiri sɛ ho nsɛm so ne bɛnam bebu ho bem, na ho nsɛm nso so ne bɛnam bebu ho fɔ.”


sɛnea bɛatwerɛ sɛ: “Biaa nni hɔ a ɔtene, baako mpo nni hɔ;


Nti mehu sɛ ɔyɛ mmara sɛ berɛ a mepɛ sɛ meyɔ nea ɔyɛ he, bɔne bɛne me.


na mmom mehyɛ me nipadua he dene na ama matumi ahyɛ me ho so, sɛ ɔbɛyɔ a meeka asɛm akyerɛ binom he, ankɔba sɛ bebeyi me totwene.


Nso twerɛsɛm he da no adi sɛ nnoɔma nyinaa hyɛ bɔne tumi ase, na ama bɔ a bɛnam Yesu Kristo mu gyidie so ahyɛ he aba bɛ a bɛgye di he so.


Na nea honam pɛ he ko tia Honhom he, na nea Honhom he nso pɛ he ko tia honam he; efiri sɛ saa nnoɔma he ko tia ne yɔnko, sɛ obesi ho kwane na hoanyɔ nea hopɛ.


Ɔno ne yɛpae mu ka n’asɛm, na yɛbɔ kɔkɔ de nyansa kyerɛkyerɛ biaa, na yɛde ankorankorɛ biaa akɔ Nyankopɔn anim sɛ nipa a wawie pɛyɛ Kristo mu.


Kristo Yesu somfo Epafra a ofiri ho mu he kyea ho. Daa odima ma ho dendenndene ya mpaebɔ mu, sɛ hobegyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na hoayɛ ma Nyankopɔn apɛdeɛ nyinaa mu.


mma ho nni mu nnoɔma nyinaa mu na hoayɔ nea ɔpɛ, deɛ ɔyɔ ho mu adwuma he mfa Yesu Kristo so, sɛdeɛ ɔsɔ n’ani. Ɔno ne animuonyam nka no daa daa. Amen.


Sɛ bi dwene sɛ ɔyɛ nyamesomni, na woanto ne kɛtrɛma nnareka na mmom ɔdaadaa n’akoma a, na ne nyamesom he yɛ kwa.


Na homma boasetɔ nwie n’adwuma, sɛnea ɔbɛyɛ a ho bewie honhom mu nyini na ho ayɛ pɛ, a bibiaa ɔnka.


Na sɛ bi di mmara mũ he nyinaa so na ɔto baako a, waadi mmara he nyinaa ho fɔ,


Na deɛ ɔdɔ nkwa na ɔpɛ sɛ ohu nna pa he, ma no nyi ne kɛtrɛma mfiri bɔne mu, ne n’ano na anka nnaadaasɛm.


Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ ho aba ne daa animuonyam he mu Kristo mu he, ɔnoaa ne sɛ ho hu amane kakra, obesiesie ho pɛ; ɔbɛma ho ase atim. Ɔbɛhyɛ ho dene; ɔbɛma ho anya nnyinasoɔ.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ