18 Nso bi bɛka sɛ, “Wowɔ gyidie, na me nso mewɔ nnwuma.” Kyerɛ me wo gyidie a nwuma nka ho, na mede me nnwuma bɛkyerɛ wo me gyidie.
Nso bɛ a bɛ adwene nsi bɛ pi he sɛ bedi a bedi fɔ, efiri sɛ bɛannyɔ no gyidie mu, na bibiaa a omfiri gyidie mu biaa yɛ bɔne.
Na yesi no pi sɛ ɔnam gyidie so ne bebu bi bem, na mmom omfiri mmara nnwuma mu.
Nti Dawid nso kasa faa nhyira a ɔba bɛ a Nyankopɔn kwati bɛ nnwuma bu bɛ bem he ho sɛ:
Nti afei afobuo biaa nni hɔ ma bɛ a bɛya Kristo Yesu mu,
Hedeɛ wobebisa me sɛ, “Mmɛ nti ne ɔda so hu mfomsoɔ? Na hwane ne betumi asi Nyankopɔn pɛ kwane?”
Na sɛ mewɔ nkɔmhyɛ tumi, na meyɔ ahintasɛm ne nimdeɛ nyinaa mu nteaseɛ, na mewɔ gyidie nyinaa ma metumi tutu mmepɔ, na menni dɔ a, mensɛ hwee.
Nti sɛ bi ya Kristo mu a, ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ: nnoɔma dadaa he nyinaa atwam; hwɛ, nnoɔma nyinaa ayɛ foforɔ!
Ɔnam sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfoɔ, homma yɛnhohoro yɛ ho mfiri honam ne honhom fi nyinaa ho, na yɛ kronkronyɛ awie mu die Nyankopɔn suro mu.
Na Kristo Yesu mu he, gyidie a ɔnam dɔ so yɔ adwuma nkoaa ne hia, na ɔnyɛ twetia bɛatwa bi anaa bentwaa no he ne hia.
Na afutusɛm he botae ne dɔ a ofiri akoma pa, ahonim pa ne nɔkorɛ gyidie mu ba.
Na bibiaa mu he, yi wo ho adi sɛ nnwuma pa nhwɛsoɔ, nkyerɛkyerɛ mu yi pɛyɛ, animuduro,
Ɔnam dwamanfoɔ Rahab gyidie so ne maa no gyee akwansrafoɔ he asomdwie mu a ne saa nti bɛ anku, na mmom bekuu asoɔdenfoɔ he.
yeinom ne nam gyidie so dii ahennie so nkunim, hwɛɛ sɛ atɛntenenee bɛyɔ adwuma, bɛ nsa kaa bɔhyɛ, mmua gyata ano,
Na sɛ gyidie nni hɔ a, biaa ntumi nsɔ Nyankopɔn ani, efiri sɛ ɔsɛ sɛ deɛ ɔba ne nkyɛne biaa gye di sɛ ɔya hɔ na ɔyɛ bɛ a bɛhwehwɛ n’akyi kwane he katuafoɔ.
Anuanom, mmɛ mfasoɔ ne ya so sɛ bi bɛka sɛ ɔwɔ gyidie na onni nnwuma? Saa nipa he gyidie betumi agye no nkwa anaa?
Ho mu hwane ne yɛ nyansafoɔ ne nimdefoɔ? Ma no mfa n’abrabɔ pa nkyerɛ sɛ ɔdwo, na ofiri nyansa mu ne yɔ ne nnwuma.