Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yakobo 2:1 - Apam Foforɔ

1 Me nuanom a hoyɛ yɛ Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ animuonyam wura he mu agyidifoɔ he, ɔnsɛ sɛ honyɔ nyinyimu.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yakobo 2:1
29 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Nti bɛsomaa bɛ asuafoɔ ne Herodefoɔ kɔɔ ne nkyɛne, kaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yenim sɛ woyɛ nɔkwafoɔ, wonam nɔkorɛ so kyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwane, na wonsuro nipa biaa, saa nso ne wonhwɛ nnipa anim.


Na Petro biee n’ano kaa sɛ, “Nɔkwasɛm di, maahu sɛ Nyankopɔn nyɛ nyiyimu,


Na mmom medii Nyankopɔn fam adwensakra ne yɛ Awurade Yesu Kristo mu gyidie ho adanseɛ kyerɛɛ Yudafoɔ ne Helafoɔ nyinaa.


Nna bi akyi he, Felike ne ne yerɛ Drusila a ɔyɛ Yudani he baeɛ, na ɔsoma ma bɛkɔfrɛɛ Paulo baeɛ, na betiee nea ɔwɔ ka fa Kristo Yesu mu gyidie ho.


Na Stefano buaa sɛ: “Anuanom ne agyanom, hontie me. Animuonyam Nyankopɔn he yii ne ho adi kyerɛɛ yɛ nana Abraham, berɛ a na ɔya Mesopotamia ansa na ɔɔkɔtena Haran he,


Na m’ani agyina sɛ mehu ho sɛnea ɔbɛyɛ a metumi ne ho akyɛ honhom adom akyɛdeɛ bi ama ahyɛ ho dene,


Wiase yi anyansafoɔ biaa ante yei ase; sɛ bɛtee aseɛ a, nka bɛammɔ animuonyam Wura he asennua mu.


efiri sɛ, yɛate ho gyidie a ɔya Kristo Yesu mu ho asɛm, ɔne dɔ a howɔ ma ahoteefoɔ he nyinaa,


berɛ a wokura gyidie ne ahonim pa a binom apia ato nkyɛne nti, nnipa binom ahwe ase gyidie mu he;


Nyankopɔn ne Kristo Yesu ne abɔfoɔ a bɛayi bɛ he anim ne meebɔ wo kɔkɔ sɛ di saa nkyerɛkyerɛ yi so a wonhwɛ nnipa anim, na womfa ntɛnkyea nni dwuma biaa.


Me, Paulo, Nyankopɔn akoa ne Yesu Kristo somafoɔ ma bɛ a Nyankopɔn ayi bɛ gyidie ne nyamesom pa ho nɔkorɛ he nimdeɛ mu,


mmerɛ a yɛɛtwɛne yɛ Nyankopɔn kɛseɛ ne yɛ Agyenkwa Yesu Kristo ahotɔ anidasoɔ ne n’animuonyam ahoyie.


Ɔno ankasa ne da Nyankopɔn animuonyam a ɔhyerɛn he adi na ɔyɛ Nyankopɔn su nsɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔnam n’asɛm a tumi yam so kita nnoɔma nyinaa mu. Na odwiraa yɛ bɔne wieeɛ he, ɔkɔtenaa deɛ ɔwɔ tumi boro tumi nyinaa so, na ɔya soro soro he nifa.


nhwɛ, Yesu a ɔyɛ yɛ gyidie farebae na ɔno nso ne ma no wie pɛyɛ, ɔno ne hwɛɛ anigyeɛ a ɔda n’anim he na ɔde boasetɔ huu asennua he ho amaneɛ, na obuu n’ani guu ho aniwuo so. Ne saa nti, waagye n’adwa Nyankopɔn ahennie he nifa.


Anuanom adɔfo, honhu yei sɛ: Ɔsɛ sɛ nipa biaa yɔ krado wɛne n’aso tie asɛm; ɔnsɛ sɛ ɔpere ne ho kasa; saa nso ne ɔnsɛ sɛ ɔpere ne ho fa abufuo;


na sɛ hohu deɛ ɔhyɛ ataade pa he na hoka kyerɛ no sɛ, “Mepa wo kyɛw, bɛtena ha,” na mmom hiani he deɛ hoka kyerɛ no sɛ, “Gyina hɔ,” anaa, “Tena me nane ase fam ha,” a na


Na mmom sɛ hoyɛ nyiyimu a, hoayɔ bɔne na mmara he bu ho atɛne sɛ hoyɛ mmaratofoɔ.


Na nyansa a ofiri soro he deɛ, deɛ odi kane ne sɛ, ho te, na afei ɔpɛ asomdwie, ɔdwo, ɔwɔ asoɔmmerɛ, ɔwɔ nteaseɛ; ahummɔborɔ ne aba pa ahyɛ no ma, a ɔnyɛ nyiyimu anaa nyaatwom kwane biaa so.


Simon Petro, Yesu Kristo akoa a ɔsane yɛ ne somafoɔ twerɛ krataa yi de kɔma bɛ a esiane yɛ Nyankopɔn ne yɛ Agyenkwa Yesu Kristo tenenee nti, bɛanya gyidie a ɔte sɛ yɛ deɛ heaa.


Yeinom yɛ anwiinwiifoɔ, yɔnaafoɔ a bedi bɛaa bɛ akɔnnɔ akyi, na bɛyɛ anumdwafoɔ a mfasoɔ nti, bɛdɛfɛdɛfɛ nnipa.


Yei nti ne ɔsɛ sɛ Nyankopɔn nkurofoɔ ne bɛ a bedi Nyankopɔn mmara so na bɛgye Yesu di he nya boasetɔ he.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ